< Nnwom 2 >
1 Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu? Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?
어찌하여 열방이 분노하며 민족들이 허사를 경영하는고
2 Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfoɔ bom tu agyina tia Awurade ne Deɛ Wɔasra no no.
세상의 군왕들이 나서며 관원들이 서로 꾀하여 여호와와 그 기름 받은 자를 대적하며
3 Wɔka sɛ, “Momma yɛmmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn na yɛnto wɔn mpokyerɛ ngu.”
우리가 그 맨 것을 끊고 그 결박을 벗어 버리자 하도다
4 Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere; Awurade di wɔn ho fɛw.
하늘에 계신 자가 웃으심이여! 주께서 저희를 비웃으시리로다
5 Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo mu hunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ,
그 때에 분을 발하며 진노하사 저희를 놀래어 이르시기를
6 “Masi me Ɔhene wɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.”
내가 나의 왕을 내 거룩한 산 시온에 세웠다 하시리로다
7 Mɛpae mu aka Awurade ahyɛdeɛ: Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me Babarima; ɛnnɛ mayɛ wʼAgya.
내가 영을 전하노라 여호와께서 내게 이르시되 너는 내 아들이라 오늘날 내가 너를 낳았도다
8 Bisa me, na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapadeɛ, asase ano nyinaa bɛyɛ wo dea.
내게 구하라 내가 열방을 유업으로 주리니 네 소유가 땅끝까지 이르리로다
9 Wode dadeɛ ahempoma bɛdi wɔn so; na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.”
네가 철장으로 저희를 깨뜨림이여 질그릇 같이 부수리라 하시도다
10 Enti mo ahemfo, monsua nyansa; monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ.
그런즉 군왕들아! 너희는 지혜를 얻으며 세상의 관원들아! 교훈을 받을지어다
11 Momfa suro nsom Awurade na monsɛpɛ mo ho ahopopoɔ mu.
여호와를 경외함으로 섬기고 떨며 즐거워할지어다
12 Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfu ansɛe mo wɔ mo akwan so, ɛfiri sɛ nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so. Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa.
그 아들에게 입맞추라 그렇지 아니하면 진노하심으로 너희가 길에서 망하리니 그 진노가 급하심이라 여호와를 의지하는 자는 다 복이 있도다