< Nnwom 19 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm! Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma,
The heavens declare the glory of God; and the firmament shows his handiwork.
2 Ɛda biara, wɔkasa; anadwo biara, wɔkyerɛ nimdeɛ.
Day unto day utters speech, and night unto night shows knowledge.
3 Ɔkasa anaa nsɛm nnim na wɔnnte wɔn nne.
There is no speech nor language, where their voice is not heard.
4 Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa, wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano. Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia,
Their line is gone out through all the earth, and their words to the end of the world. In them has he set a tabernacle for the sun,
5 a ɔte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu, te sɛ ɔbrane a ne ho pere no sɛ ɔbɛtu ne mmirika.
Which is as a bridegroom coming out of his chamber, and rejoices as a strong man to run a race.
6 Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akɔsi ano; biribiara nhinta ne hyeɛ.
His going forth is from the end of the heaven, and his circuit unto the ends of it: and there is nothing hid from the heat thereof.
7 Awurade mmara yɛ pɛ, ɛkanyane ɔkra no. Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu, ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa.
The law of the LORD is perfect, converting the soul: the testimony of the LORD is sure, making wise the simple.
8 Awurade ahyɛdeɛ tene; ɛma akoma mu anigyeɛ. Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; na ɛbue ani.
The statutes of the LORD are right, rejoicing the heart: the commandment of the LORD is pure, enlightening the eyes.
9 Awurade suro yɛ kronn, ɛte hɔ daa. Awurade mmaransɛm yɛ nokorɛ na ne nyinaa tene.
The fear of the LORD is clean, enduring for ever: the judgments of the LORD are true and righteous altogether.
10 Ɛsom bo sene sikakɔkɔɔ sene sikakɔkɔɔ amapa mpo; ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ, sene ɛwoɔ a ɛfiri ɛwokyɛm mu.
More to be desired are they than gold, yea, than much fine gold: sweeter also than honey and the honeycomb.
11 Wɔnam so bɔ wo ɔsomfoɔ kɔkɔ sɛ, ɛsodie so akatua yɛ bebree.
Moreover by them is your servant warned: and in keeping of them there is great reward.
12 Hwan na ɔhunu nʼankasa mfomsoɔ? Fa me mfomsoɔ a ahinta kyɛ me.
Who can understand his errors? cleanse you me from secret faults.
13 Bɔ wʼakoa ho ban firi ɔboayɛ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na ɛbɛma madi bem, a merenni fɔ wɔ bɔne akɛseɛ ho.
Keep back your servant also from arrogant sins; let them not have dominion over me: then shall I be upright, and I shall be innocent from the great transgression.
14 Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔ nyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao Awurade me Botan ne me Gyefoɔ.
Let the words of my mouth, and the meditation of my heart, be acceptable in your sight, O LORD, my strength, and my redeemer.

< Nnwom 19 >