< Nnwom 18 >
1 Awurade akoa Dawid dwom. Ɔtoo saa dwom yi maa Awurade, ɛberɛ a ɔgyee no firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam no. Medɔ wo, Ao Awurade, mʼahoɔden.
Awurade akoa Dawid dwom. Ɔtoo saa dwom yi maa Awurade, bere a ogyee no fii nʼatamfo nyinaa ne Saulo nsam no. Medɔ wo, Awurade, mʼahoɔden.
2 Awurade ne me botantim; mʼaban ne me gyefoɔ; me Onyankopɔn ne me botan Ne mu na menya me hintabea. Ɔyɛ mʼakokyɛm, me nkwagyeɛ abɛn ne mʼabandenden.
Awurade ne me botantim; mʼaban ne me gyefo; me Nyankopɔn yɛ me botan. Ne mu na minya me hintabea. Ɔyɛ me nkatabo, me nkwagye abɛn ne mʼabandennen.
3 Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.
Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no, efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.
4 Owuo nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me; na ɔsɛeɛ asorɔkye bu faa me so.
Owu nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me; na ɔsɛe asorɔkye bu faa me so.
5 Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa. (Sheol )
Ɔda mu hama kyekyeree me; mihyiaa owu mfiri. (Sheol )
6 Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ Awurade. Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne; me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.
Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade. Misu frɛɛ me Nyankopɔn hwehwɛɛ mmoa. Ofi nʼasɔrefi hɔ tee me nne; me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.
7 Asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ, na mmepɔ fapem wosoeɛ wɔsuroeɛ ɛfiri sɛ na ne bo afu.
Asase wosowee na ehinhimii, na mmepɔw fapem wosowee wosuroe, efisɛ na ne bo afuw.
8 Wisie firii ne hwene mu; ogyaframa firii nʼanom, na egyasramma dɛre firii mu.
Wusiw fii ne hwene mu; ogyaframa fii nʼanom, na nnyansramma dɛw fii mu.
9 Ɔfirii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu ne nan ase.
Ofii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu nʼanan ase.
10 Ɔte Kerubim so tu kɔɔ soro; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
Ɔte kerubim so tu kɔɔ soro; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
11 Ɔde sum kataa ne ho, osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia.
Ɔde sum kataa ne ho, osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia.
12 Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim, na omununkum a asukɔtweaa ne anyinam wɔ mu firii ne ho hyerɛn mu baeɛ.
Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim, na omununkum a mparuwbo ne anyinam wɔ mu fii ne ho hyerɛn mu bae.
13 Awurade bobɔɔ mu firii soro; Ɔsorosoroni no nne gyegyeeɛ bio.
Awurade bobɔɔ mu fii ɔsoro; Ɔsorosoroni no nne gyigyee bio.
14 Ɔtoo ne bɛmma no de bɔɔ atamfoɔ no hweteeɛ, ɔde anyinam a ano yɛn den pamoo wɔn.
Ɔtow ne bɛmma no de bɔɔ atamfo no ahwete, ɔde anyinam a ano yɛn den pam wɔn.
15 Ɛpo mu mmɔnka ho yiyiiɛ na asase nnyinasoɔ ho daa hɔ, ɛsiane wʼanimka ne ahomeguo a ɛfiri wo hwene mu no enti, Ao Awurade.
Po mu abon ho yiyii na asase nnyinaso ho daa hɔ, esiane wʼanimka ne ahomegu a efi wo hwene mu no nti, Awurade.
16 Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu; ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu.
Ofi soro baa fam besoo me mu; ɔtwee me fii nsu a mu dɔ mu.
17 Ɔgyee me firii me ɔtamfoɔ hoɔdenfoɔ nsam, wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no.
Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo nsam, wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no.
18 Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade pagyaa me.
Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade maa me so,
19 Ɔde me baa baabi a ɛhɔ trɛ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ nʼani sɔɔ me.
wode me baa baabi a hɔ trɛw; ogyee me, efisɛ nʼani sɔɔ me.
20 Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka.
Awurade ne me adi no sɛnea me trenee te; wahwɛ me nsa a ho tew so atua me ka.
21 Manante Awurade akwan so. Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.
Manantew Awurade akwan so. Mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne ɛ.
22 Madi ne mmara nyinaa so: memmuu nʼahyɛdeɛ so.
Madi ne mmara nyinaa so: mimmuu nʼahyɛde so.
23 Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim, na matwe me ho afiri bɔne ho.
Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim, na matwe me ho afi bɔne ho.
24 Awurade agyina me teneneeyɛ ne me nsa a ɛho teɛ wɔ nʼanim so atua me ka.
Awurade agyina me treneeyɛ ne me nsa a ho tew wɔ nʼanim no so atua me ka.
25 Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ, wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware, wɔn a wodi mu nso wokyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
26 Woyɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn, na amumuyɛfoɔ deɛ, wokyiri wɔn.
Woyɛ kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron, na amumɔyɛfo de, wukyi wɔn.
27 Wogye ahobrɛasefoɔ nkwa, na wobrɛ ahantanfoɔ ase.
Wugye ahobrɛasefo nkwa, na wobrɛ ahantanfo ase.
28 Ao Awurade, woyɛ me kanea. Aane, woma me sum dane hann.
Awurade, woma me kanea hyerɛn. Yiw, woma me sum dan hann.
29 Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo.
Wʼahoɔden a wode ma me nti, mitumi ka asraafo gu; me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu.
30 Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu.
Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ nkatabo ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.
31 Na hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho? Na hwan na ɔyɛ Ɔbotan no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn no.
Na hena na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho? Hena na ɔyɛ Ɔbotan no? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn no.
32 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden, na ɔma me kwan yɛ pɛ.
Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden, na ɔma me kwan yɛ pɛ.
33 Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ. Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de. Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
34 Ɔsiesie me ma ɔko, na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua.
Osiesie me ma ɔko, na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua.
35 Wode wo nkonimdie akokyɛm ma me, na wo nsa nifa kura me. Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ kɛseɛ.
Wode wo ogye boa me nkatabo, na wo nsa nifa ma me gyina. Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ ɔkɛse.
36 Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan sɛdeɛ ɛrenwatiri.
Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanan sɛnea me nkotodwe rengurow.
37 Metaa mʼatamfoɔ kɔtoo wɔn; mansane mʼakyi kɔsii sɛ mesɛee wɔn.
Metaa mʼatamfo kɔtoo wɔn; mansan mʼakyi kosii sɛ mesɛee wɔn.
38 Mɛdwerɛ wɔn, na wɔantumi ansɔre, wɔhwehwee ase wɔ me nan ase.
Mɛdwerɛw wɔn, na wɔantumi ansɔre, wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.
39 Wode akodie ahoɔden maa me; womaa mʼatamfoɔ bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase.
Wode akodi ahoɔden maa me; womaa mʼatamfo bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase.
40 Womaa mʼatamfoɔ danee wɔn ho dwaneeɛ, na mesɛe wɔn a wɔtan me.
Womaa mʼatamfo dan wɔn ho guanee, na mesɛe wɔn a wɔtan me.
41 Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn, wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua.
Wosu hwehwɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn, wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua.
42 Meyamoo wɔn sɛ mfuturo a mframa bɔ guo; me hwiee wɔn guiɛ sɛ mmɔntene so atɛkyɛ.
Meyam wɔn sɛ mfutuma a mframa bɔ gu; mihwiee wɔn guu sɛ mmɔnten so dontori.
43 Woagye me afiri nnipa no ntohyɛsoɔ mu, woayɛ me amanaman no ti; nnipa a mennim wɔn abɛyɛ mʼasomfoɔ.
Woagye me afi nnipa no ɔfow mu, woayɛ me amanaman no ti; nnipa a minnim wɔn abɛyɛ mʼasomfo.
44 Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ ɔsetie ma me; ananafoɔ koto mʼanim.
Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ osetie ma me; ananafo kotow mʼanim.
45 Wɔn nyinaa botoboto; wɔfiri wɔn abandenden mu ba ahopopoɔ so.
Wɔn nyinaa botobotow; wofi wɔn abandennen mu ba ahopopo so.
46 Awurade te ase! Ayɛyi nka me Botan! Wɔmma Onyankopɔn me Gyefoɔ no din so!
Awurade te ase! Ayeyi nka me Botan! Wɔmma Onyankopɔn, me Gyefo no din so!
47 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ awere ma me, ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase,
Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ were ma me, ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase,
48 ɔno na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. Wopagyaa me sii mʼatamfoɔ so, wogyee me firii basabasayɛfoɔ nsam.
ɔno na ogye me fi mʼatamfo nsam. Wopagyaw me sii mʼatamfo so, wugyee me fii basabasayɛfo nsam.
49 Ɛno enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din.
Ɛno nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade. Mɛto ayeyi dwom ama wo din.
50 Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Wode nkonimdi akɛse ama wo hene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ. Wɔde ma dwonkyerɛfo.