< Nnwom 16 >

1 Dawid mpaeɛbɔ. Bɔ me ho ban, Ao Onyankopɔn, na wo mu na menya hintabea.
大卫的金诗。 神啊,求你保佑我, 因为我投靠你。
2 Meka kyerɛɛ Awurade sɛ, “MʼAwurade ne wo; menni adepa biara ka wo ho.”
我的心哪,你曾对耶和华说:你是我的主; 我的好处不在你以外。
3 Ahotefoɔ a wɔwɔ asase no so deɛ, wɔne animuonyamfoɔ a mʼanigyeɛ wɔ wɔn mu.
论到世上的圣民,他们又美又善, 是我最喜悦的。
4 Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no wɔn awerɛhoɔ bɛdɔɔso. Merenyi wɔn mogya apaeɛ no bi na meremfa mʼano memmɔ wɔn din.
以别神代替耶和华的, 他们的愁苦必加增; 他们所浇奠的血我不献上; 我嘴唇也不提别神的名号。
5 Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me; woama me kyɛfa anya banbɔ.
耶和华是我的产业, 是我杯中的分; 我所得的,你为我持守。
6 Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka; ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye.
用绳量给我的地界,坐落在佳美之处; 我的产业实在美好。
7 Mɛkamfo Awurade a ɔtu me fo; na anadwo mpo mʼakoma kyerɛkyerɛ me.
我必称颂那指教我的耶和华; 我的心肠在夜间也警戒我。
8 Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.
我将耶和华常摆在我面前, 因他在我右边,我便不致摇动。
9 Ɛno enti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurisie; me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu,
因此,我的心欢喜,我的灵快乐; 我的肉身也要安然居住。
10 ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔ. (Sheol h7585)
因为你必不将我的灵魂撇在阴间, 也不叫你的圣者见朽坏。 (Sheol h7585)
11 Woakyerɛ me nkwagyeɛ kwan, na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim, na anika a ɛrensa da wɔ wo nifa so.
你必将生命的道路指示我。 在你面前有满足的喜乐; 在你右手中有永远的福乐。

< Nnwom 16 >