< Nnwom 150 >

1 Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea; monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu. 2 Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛɛ ho; monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara soɔ ho. 3 Momfa totorobɛnto nnyegyeeɛ nkamfo no, momfa asankuo ne bɛnta nkamfo no, 4 momfa akasaeɛ ne asa nkamfo no, momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no, 5 momfa kyankyan mmobɔmu so nkamfo no, momfa kyankyan nnyegyeeɛ nkamfo no. 6 Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo Awurade. Monkamfo Awurade.

< Nnwom 150 >