< Nnwom 150 >

1 Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea; monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.
할렐루야! 그 성소에서 하나님을 찬양하며 그 권능의 궁창에서 그를 찬양할지어다!
2 Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛɛ ho; monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara soɔ ho.
그의 능하신 행동을 인하여 찬양하며 그의 지극히 광대하심을 좇아 찬양할지어다!
3 Momfa totorobɛnto nnyegyeeɛ nkamfo no, momfa asankuo ne bɛnta nkamfo no,
나팔 소리로 찬양하며 비파와 수금으로 찬양할지어다!
4 momfa akasaeɛ ne asa nkamfo no, momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,
소고 치며 춤추어 찬양하며 현악과 퉁소로 찬양할지어다!
5 momfa kyankyan mmobɔmu so nkamfo no, momfa kyankyan nnyegyeeɛ nkamfo no.
큰 소리 나는 제금으로 찬양하며 높은 소리 나는 제금으로 찬양할지어다!
6 Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo Awurade. Monkamfo Awurade.
호흡이 있는 자마다 여호와를 찬양할지어다! 할렐루야!

< Nnwom 150 >