< Nnwom 15 >

1 Dawid dwom. Awurade, hwan na ɔbɛsoeɛ wo kronkronbea hɔ? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no so? 2 Deɛ ne ho nni asɛm na ɔyɛ deɛ ɛtene, deɛ ɔka nokorɛ a ɛfiri nʼakomam 3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa deɛ ɔnnyɛ ne yɔnko bɔne na ɔmmu ne yɔnko onipa abomfiaa, 4 deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro Awurade, deɛ ɔdi ne ntam so ɛberɛ a ɛtia no mpo, 5 deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem. Deɛ ɔyɛ yeinom no renhinhim da.

< Nnwom 15 >