< Nnwom 149 >

1 Monkamfo Awurade. Monto dwom foforɔ mma Awurade, monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu. 2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu. Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu. 3 Ma wɔmfa asa nkamfo ne din na wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no. 4 Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfoɔ; ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ. 5 Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu; na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so. 6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomu na ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam, 7 sɛ wɔmfa ntɔ werɛ wɔ amanaman no so ne asotwe wɔ nnipa no so, 8 sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo, ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire, 9 sɛ wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no. Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam. Monkamfo Awurade.

< Nnwom 149 >