< Nnwom 148 >
1 Monkamfo Awurade! Monkamfo Awurade mfiri ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.
Hallelujah! Praise the LORD from the heavens; praise Him in the highest places.
2 Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.
Praise Him, all His angels; praise Him, all His heavenly hosts.
3 Owia ne ɔsrane, monkamfo no, nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no.
Praise Him, O sun and moon; praise Him, all you shining stars.
4 Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsoro ne mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi.
Praise Him, O highest heavens, and you waters above the skies.
5 Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din, ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn.
Let them praise the name of the LORD, for He gave the command and they were created.
6 Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da.
He established them forever and ever; He issued a decree that will never pass away.
7 Monkamfo Awurade mfiri asase so, mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa,
Praise the LORD from the earth, all great sea creatures and ocean depths,
8 anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ,
lightning and hail, snow and clouds, powerful wind fulfilling His word,
9 mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa,
mountains and all hills, fruit trees and all cedars,
10 wira mu mmoa ne anantwie, abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo,
wild animals and all cattle, crawling creatures and flying birds,
11 asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa,
kings of the earth and all peoples, princes and all rulers of the earth,
12 mmeranteɛ ne mmabaawa mmasiriwa ne mmɔfra nso.
young men and maidens, old and young together.
13 Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sene edin biara; nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.
Let them praise the name of the LORD, for His name alone is exalted; His splendor is above the earth and the heavens.
14 Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ, ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam, Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no. Monkamfo Awurade.
He has raised up a horn for His people, the praise of all His saints, of Israel, a people near to Him. Hallelujah!