< Nnwom 146 >

1 Monkamfo Awurade. Ao me ɔkra, kamfo Awurade!
Praise the LORD! Praise the LORD, my soul.
2 Mɛkamfo Awurade me nkwa nna nyinaa; mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi.
While I live, I will praise the LORD. I will sing praises to my God as long as I exist.
3 Mommfa mo ho nto mmapɔmma so, adasamma a wɔrentumi nnye nkwa.
Don’t put your trust in princes, in a son of man in whom there is no help.
4 Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu, saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa.
His spirit departs, and he returns to the earth. In that very day, his thoughts perish.
5 Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn, deɛ nʼanidasoɔ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.
Happy is he who has the God of Jacob for his help, whose hope is in the LORD, his God,
6 Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ daa no.
who made heaven and earth, the sea, and all that is in them; who keeps truth forever;
7 Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. Awurade gyaa nneduafoɔ,
who executes justice for the oppressed; who gives food to the hungry. The LORD frees the prisoners.
8 Awurade ma anifirafoɔ hunu adeɛ. Awurade pagya wɔn a wɔakom. Awurade dɔ teneneefoɔ.
The LORD opens the eyes of the blind. The LORD raises up those who are bowed down. The LORD loves the righteous.
9 Awurade hwɛ ahɔhoɔ so na ɔwowa nwisiaa ne akunafoɔ, na amumuyɛfoɔ akwan deɛ, ɔdane ani.
The LORD preserves the foreigners. He upholds the fatherless and widow, but he turns the way of the wicked upside down.
10 Sion, Awurade wo Onyankopɔn di ɔhene daa daa, wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Monkamfo Awurade.
The LORD will reign forever; your God, O Zion, to all generations. Praise the LORD!

< Nnwom 146 >