< Nnwom 143 >

1 Dawid dwom. Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ, tie me nkotosrɛ; wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mu bra bɛboa me.
Cantique de David. Éternel, entends ma prière, écoute ma supplication! Au nom de ta fidélité, exauce-moi! au nom de ta justice!
2 Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu, na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim.
et n'appelle point en jugement ton serviteur! car aucun des vivants n'est juste devant toi.
3 Ɔtamfoɔ no taa me, ɔbɔ me hwe fam; ɔma me tena esum mu te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada.
Car l'ennemi poursuit mon âme, foule ma vie contre terre, me pousse dans le lieu ténébreux, vers ceux qui sont morts dès longtemps.
4 Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu; na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu.
Et mon esprit s'alarme en moi, et mon cœur frissonne au dedans de moi.
5 Mekae tete nna no; medwendwene wo nnwuma ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho.
Je me rappelle les jours d'autrefois, je pense à tout ce que tu as fait; je médite tout ce qu'ont opéré tes mains.
6 Mepagya me nsa kyerɛ wo; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee.
Je tends mes mains vers toi; comme une terre altérée, mon âme te [désire]. (Pause)
7 Ao Awurade, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhinta me anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.
Hâte-toi, réponds-moi, Éternel! mon esprit se consume; ne me cache pas ta face! sinon, je ressemble aux hommes descendus au tombeau.
8 Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, na mede me ho ato wo so. Kyerɛ me ɛkwan a memfa so, na wo na mema me kra so kyerɛ.
Fais-moi bientôt ressentir ta grâce! car je me confie en toi. Indique-moi la voie qu'il me faut suivre! car j'élève mon âme à toi.
9 Ao Awurade gye me firi mʼatamfoɔ nsam, na wo mu na mede me ho hinta.
Délivre-moi de mes ennemis, Éternel! car auprès de toi je me mets à couvert.
10 Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ, na wo ne me Onyankopɔn; ma wo honhom pa no nni me ɛkan wɔ asase tamaa so.
Enseigne-moi à faire ta volonté! car tu es mon Dieu. Que ton bon esprit me conduise sur la voie droite!
11 Ao Awurade, wo din enti, kyɛe me nkwa so; wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu.
Pour l'amour de ton nom, Éternel, tu me sauveras, par l'effet de ta justice, tu me dégageras de l'angoisse,
12 Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ; na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa, na meyɛ wo ɔsomfoɔ.
et, dans ta grâce, tu détruiras mes ennemis, et tu feras périr tous ceux qui sont hostiles à mon âme parce que je suis ton serviteur.

< Nnwom 143 >