< Nnwom 141 >

1 Dawid dwom. Ao Awurade, mesu mefrɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so. Sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so.
مزمور داود ای خداوند تو را می‌خوانم. نزد من بشتاب! و چون تو را بخوانم آوازمرا بشنو!۱
2 Ma me mpaeɛbɔ mmra wʼanim sɛ aduhwam; ma me nsa a mapagya nyɛ sɛ anwummerɛ afɔrebɔ.
دعای من به حضور تو مثل بخورآراسته شود، و برافراشتن دستهایم، مثل هدیه شام.۲
3 Ao Awurade, ma ɔwɛmfoɔ nwɛn mʼano; na wɛn mʼano ɛpono.
‌ای خداوند، بر دهان من نگاهبانی فرما و درلبهایم را نگاه دار.۳
4 Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho, na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ yɛ no bi; mma me ne abɔnefoɔ nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ.
دل مرا به عمل بد مایل مگردان تا مرتکب اعمال زشت با مردان بدکارنشوم. و از چیزهای لذیذ ایشان نخورم.۴
5 Ma ɔteneneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamyɛ; ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me tiri so ngo. Me tiri rempo. Me mpaeɛbɔ da so tia abɔnefoɔ nneyɛɛ daa.
مرد عادل مرا بزند و لطف خواهد بود، و مرا تادیب نماید و روغن برای سر خواهد بود! و سر من آن راابا نخواهد نمود زیرا که در بدیهای ایشان نیزدعای من دایم خواهد بود.۵
6 Wɔbɛto wɔn sodifoɔ afiri abotan so abɛhwe fam; na amumuyɛfoɔ bɛhunu sɛ me nsɛm no yɛ nokorɛ.
چون داوران ایشان از سر صخره‌ها انداخته شوند، آنگاه سخنان مراخواهند شنید زیرا که شیرین است.۶
7 Wɔbɛka sɛ, “Sɛdeɛ obi funtum na ɔtutu asase no, saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɛda ano.” (Sheol h7585)
مثل کسی‌که زمین را فلاحت و شیار بکند، استخوانهای مابر سر قبرها پراکنده می‌شود. (Sheol h7585)۷
8 Nanso, Ao Otumfoɔ Awurade, wo so na mʼani da; wo mu na mehinta. Nnya me mma owuo.
زیرا که‌ای یهوه خداوند، چشمان من بسوی توست. و بر تو توکل دارم. پس جان مرا تلف منما!۸
9 Bɔ me ho ban firi mfidie a wɔasunsum me no mu, mfidie a abɔnefoɔ asunsum no.
مرا از دامی که برای من نهاده‌اند نگاه دار و از کمندهای گناهکاران.۹
10 Ma amumuyɛfoɔ no ankasa atena nyi wɔn, na menkɔ me baabi asomdwoeɛ mu.
شریران به دامهای خود بیفتند و من بسلامتی در بگذرم.۱۰

< Nnwom 141 >