< Nnwom 140 >
1 Dawid dwom. Ao Awurade gye me firi nnipa bɔne nsam; bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ nsam,
For the choirmaster. A Psalm of David. Rescue me, O LORD, from evil men. Protect me from men of violence,
2 wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma mu na wɔhwanyane ɔko mu da biara.
who devise evil in their hearts and stir up war all day long.
3 Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ; ananka borɔ wɔ wɔn ano.
They sharpen their tongues like snakes; the venom of vipers is on their lips.
4 Ao Awurade, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ a wɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu.
Guard me, O LORD, from the hands of the wicked. Keep me safe from men of violence who scheme to make me stumble.
5 Ahantanfoɔ asum me afidie; wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu, wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so.
The proud hide a snare for me; the cords of their net are spread along the path, and lures are set out for me.
6 Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.” Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su.
I say to the LORD, “You are my God.” Hear, O LORD, my cry for help.
7 Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a wobɔ me tiri ban ɔko da,
O GOD the Lord, the strength of my salvation, You shield my head in the day of battle.
8 nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade; mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie.
Grant not, O LORD, the desires of the wicked; do not promote their evil plans, lest they be exalted.
9 Wɔatwa me ho ahyia, nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn.
May the heads of those who surround me be covered in the trouble their lips have caused.
10 Ma nnyasrama ngu wɔn so; ma wɔnto wɔn ngu ogya mu, ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio.
May burning coals fall on them; may they be thrown into the fire, into the miry pits, never to rise again.
11 Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so; ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ.
May no slanderer be established in the land; may calamity hunt down the man of violence.
12 Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛntenenee na ɔka onnibie asɛm ma no.
I know that the LORD upholds justice for the poor and defends the cause of the needy.
13 Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo din na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.
Surely the righteous will praise Your name; the upright will dwell in Your presence.