< Nnwom 14 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Dawid dwom. Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
Al Músico principal: Salmo de David. DIJO el necio en su corazón: No hay Dios. Corrompiéronse, hicieron obras abominables; no hay quien haga bien.
2 Awurade firi ɔsoro hwɛ adasamma sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
Jehová miró desde los cielos sobre los hijos de los hombres, por ver si había algún entendido, que buscara á Dios.
3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.
Todos declinaron, juntamente se han corrompido: no hay quien haga bien, no hay ni siquiera uno.
4 Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Awurade?
¿No tendrán conocimiento todos los que obran iniquidad, que devoran á mi pueblo [como] si pan comiesen, y á Jehová no invocaron?
5 Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu.
Allí temblaron de espanto; porque Dios está con la nación de los justos.
6 Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ, nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea.
El consejo del pobre habéis escarnecido, por cuanto Jehová es su esperanza.
7 Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!
¡Quién diese de Sión la salud de Israel! En tornando Jehová la cautividad de su pueblo, se gozará Jacob, y alegraráse Israel.

< Nnwom 14 >