< Nnwom 139 >

1 Dawid dwom. Ao Awurade, woahwehwɛ me mu na woahunu me.
For the choirmaster. A Psalm of David. O LORD, You have searched me and known me.
2 Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ; wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.
You know when I sit and when I rise; You understand my thoughts from afar.
3 Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ; wonim mʼakwan nyinaa.
You search out my path and my lying down; You are aware of all my ways.
4 Ansa na mɛbue mʼano akasa no Ao Awurade, na wonim ne nyinaa dada.
Even before a word is on my tongue, You know all about it, O LORD.
5 Woatwa me ho nyinaa ahyia na wobɔ me ho ban.
You hem me in behind and before; You have laid Your hand upon me.
6 Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so, ɛyɛ me nwanwa dodo.
Such knowledge is too wonderful for me, too lofty for me to attain.
7 Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ? Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ?
Where can I go to escape Your Spirit? Where can I flee from Your presence?
8 Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ. Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie. (Sheol h7585)
If I ascend to the heavens, You are there; if I make my bed in Sheol, You are there. (Sheol h7585)
9 Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tu na mekɔtena ɛpo akyi nohoa a,
If I rise on the wings of the dawn, if I settle by the farthest sea,
10 mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ, na wo nsa nifa bɛsɔ me mu.
even there Your hand will guide me; Your right hand will hold me fast.
11 Na meka sɛ, “Ampa ara esum mmɛkata me so na hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,”
If I say, “Surely the darkness will hide me, and the light become night around me”—
12 esum mpo nnyɛ sum mma wo; na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia; esum ne hann yɛ wo pɛ.
even the darkness is not dark to You, but the night shines like the day, for darkness is as light to You.
13 Na wo na wobɔɔ me honhom wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.
For You formed my inmost being; You knit me together in my mother’s womb.
14 Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu. Wo nnwuma yɛ nwanwa. Menim ɛno yie pa ara.
I praise You, for I am fearfully and wonderfully made. Marvelous are Your works, and I know this very well.
15 Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no; ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,
My frame was not hidden from You when I was made in secret, when I was woven together in the depths of the earth.
16 wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no. Nna dodoɔ a woatwa ama me no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu ansa na emu baako reba mu.
Your eyes saw my unformed body; all my days were written in Your book and ordained for me before one of them came to be.
17 Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me! Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo!
How precious to me are Your thoughts, O God, how vast is their sum!
18 Sɛ mese mɛkan a, ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea, sɛ menyane a, me ne wo wɔ hɔ ara.
If I were to count them, they would outnumber the grains of sand; and when I awake, I am still with You.
19 Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a! Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ!
O God, that You would slay the wicked— away from me, you bloodthirsty men—
20 Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm; wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa.
who speak of You deceitfully; Your enemies take Your name in vain.
21 Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo, na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ.
Do I not hate those who hate You, O LORD, and detest those who rise against You?
22 Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn; mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ.
I hate them with perfect hatred; I count them as my enemies.
23 Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma; sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene.
Search me, O God, and know my heart; test me and know my concerns.
24 Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a, na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
See if there is any offensive way in me; lead me in the way everlasting.

< Nnwom 139 >