< Nnwom 136 >

1 Monna Awurade ase na ɔyɛ.
Monna Awurade ase na oye.
2 Monna anyame mu Onyankopɔn ase.
Monna anyame mu Nyankopɔn no ase.
3 Monna awuranom mu Awurade no ase.
Monna awuranom mu Awurade no ase.
4 Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ akɛseɛ.
Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade akɛse.
5 Ɔno na ɔfiri ne nteaseɛ mu bɔɔ ɔsoro.
Ɔno na ofi ne ntease mu bɔɔ ɔsoro.
6 Ɔno na ɔtrɛɛ asase mu de kataa nsuo so.
Ɔno na ɔtrɛw asase mu de kataa nsu so.
7 Ɔno na ɔbɔɔ nkanea akɛseɛ no.
Ɔno na ɔbɔɔ akanea akɛse no.
8 Ɔbɔɔ owia sɛ ɛnni adekyeeɛ so.
Ɔbɔɔ owia sɛ enni adekyee so.
9 Ɔbɔɔ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnni adesaeɛ so no.
Ɔbɔɔ sram ne nsoromma sɛ wonni adesae so no.
10 Ɔno na ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan,
Ɔno na okunkum Misraimfo mmakan,
11 na ɔyii Israelfoɔ firii wɔn mu no.
na oyii Israelfo fii wɔn mu no.
12 Ɔde nsa kɛseɛ ne basa a watene mu.
Ɔde nsa kɛse ne basa a wateɛ mu.
13 Ɔno na ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no,
Ɔno na ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu no,
14 na ɔde Israelfoɔ faa mfimfini no.
na ɔde Israelfo faa mfimfini no.
15 Nanso, ɔpraa Farao ne nʼasraafoɔ guu Ɛpo Kɔkɔɔ mu no.
Nanso ɔpraa Farao ne nʼasraafo guu Po Kɔkɔɔ mu no.
16 Ɔno na ɔdii ne nkurɔfoɔ anim wɔ ɛserɛ no so.
Ɔno na odii ne nkurɔfo anim wɔ sare no so.
17 Ɔno na ɔkumm ahemfo akɛseɛ no,
Ɔno na okum ahemfo akɛse no,
18 na ɔkumm ahemfo akunini no.
na okum ahemfo akunini no.
19 Ɔkumm Amorifoɔ ɔhene, Sihon,
Okum Amorifo hene, Sihon,
20 ne Basanhene, Og.
ne Basanhene, Og.
21 Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ.
Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade.
22 Ɔde maa ne ɔsomfoɔ Israel sɛ agyapadeɛ.
Ɔde maa ne somfo Israel sɛ agyapade.
23 Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛyɛ mu.
Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛwyɛ mu.
24 Na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam.
Na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam.
25 Ɔno na ɔma abɔdeɛ biara aduane.
Ɔno na ɔma abɔde biara aduan.
26 Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase.
Monna ɔsorosoro Nyankopɔn no ase.

< Nnwom 136 >