< Nnwom 135 >

1 Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade din; monkamfo no, mo Awurade asomfoɔ,
Hallelujah. Praise the name of the Lord. Praise the Lord, you his servants,
2 mo a mosom wɔ Awurade fie, wɔ adihɔ a ɛwɔ yɛn Onyankopɔn fie.
who stand in the house of the Lord, in the courts of the house of our God.
3 Monkamfo Awurade ɛfiri sɛ ɔyɛ; monto ayɛyie dwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.
Praise the Lord, for the Lord is good: Sing praise to his name it is pleasant.
4 Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne deɛ, wayi Israel sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo.
The Lord for himself chose Jacob, Israel as his own special treasure.
5 Menim sɛ Awurade so; Ɔso sene anyame nyinaa.
For I know that the Lord is great, that our Lord is above all gods.
6 Awurade yɛ deɛ ɔpɛ biara, wɔ ɔsoro ne asase so, ɛpo ne emu abunu nyinaa.
All that he wills he does in the heavens and on the earth, in the seas and in all the abysses.
7 Ɔma omununkum ma ne ho so firi asase ano ba; ɔsoma anyinam ka osutɔ ho na ɔma ahum tu firi nʼakoradan mu.
Clouds he brings up from the ends of the earth, lightnings he makes for the rain, wind he brings out of his storehouses.
8 Ɔkumm Misraim mmakan, nnipa ne mmoa mmakan.
The firstborn of Egypt he struck, both humans and animals.
9 Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadeɛ baa mo mfimfini, Ao Misraim, de tiaa Farao ne nʼasomfoɔ nyinaa.
Signs and wonders he sent into your midst, O Egypt, upon Pharaoh and all his servants.
10 Ɔsɛee amanaman pii na ɔkunkumm ahemfo akɛseɛ,
Many nations he struck, mighty kings he slew
11 Amorifoɔ ɔhene, Sihon Basan ɔhene, Og ne Kanaan ahemfo nyinaa,
Sihon, king of the Amorites, Og, king of Bashan, and all the kingdoms of Canaan.
12 na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ; ɔde maa ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ.
He gave their land for possession, possession to Israel his people.
13 Ao Awurade, wo din wɔ hɔ daa. Ao Awurade wo din ahyeta awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
Your name, O Lord, is forever; your memorial world without end.
14 Awurade bɛdi ama ne nkurɔfoɔ na ɔbɛhunu nʼasomfoɔ mmɔbɔ.
For the Lord secures right for his people, and takes pity upon his servants.
15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ.
The idols of heathen are silver made by human hands.
16 Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa, wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;
They have mouths, but cannot speak: they have eyes, but cannot see.
17 wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, na ahomeɛ nso nni wɔn anom.
They have ears, but cannot hear: there is no breath in their mouths.
18 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
Their makers become like them, so do all who trust in them.
19 Monkamfo Awurade, Ao Israel fiefoɔ; monkamfo Awurade, Ao Aaron fiefoɔ;
House of Israel, praise the Lord: house of Araon, praise the Lord.
20 monkamfo Awurade, Ao Lewi fiefoɔ; monkamfo Awurade, mo a mosuro no.
House of Levi, praise the Lord: you who fear the Lord, praise the Lord.
21 Momfiri Sion nkamfo Awurade, monkamfo deɛ ɔte Yerusalem no. Monkamfo Awurade.
Blest be the Lord out of Zion, who lives in Jerusalem. Hallelujah.

< Nnwom 135 >