< Nnwom 134 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Awurade asomfoɔ nyinaa, monkamfo Awurade, mo a mosom wɔ Awurade fie anadwo nyinaa.
canticum graduum ecce nunc benedicite Dominum omnes servi Domini qui statis in domo Domini in atriis domus Dei nostri
2 Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ na monkamfo Awurade.
in noctibus extollite manus vestras in sancta et benedicite Domino
3 Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no, mfiri Sion nhyira mo.
benedicat te Dominus ex Sion qui fecit caelum et terram

< Nnwom 134 >