< Nnwom 133 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ sɛ anuanom bom tena faako! 2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu, ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu, ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so. 3 Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛtɔ gu Bepɔ Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.

< Nnwom 133 >