< Nnwom 132 >
1 Ɔsoroforɔ dwom. Ao Awurade kae Dawid ne ɔhaw ahodoɔ a ɔgyinaa ano no.
A song of ascents. Remember, O Lord, David all his sufferings,
2 Ɔkaa Awurade ntam na ɔhyɛɛ Yakob Otumfoɔ no bɔ sɛ,
the oath that he swore to the Lord, and his vow to the Strong One of Jacob,
3 “Merenhyɛne me fie na merenkɔda me mpa so,
never to enter his tent, never to lie on his bed,
4 meremma nna mfa me na meremma mʼani nkum,
never to give his eyes sleep or his eyelids slumber,
5 kɔsi sɛ menya baabi ama Awurade, baabi a Yakob Otumfoɔ no bɛtena.”
till he had found a place for the Lord, for the Strong One of Jacob to live in.
6 Yɛtee wɔ Efrata, yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuo so.
We heard of it in Ephrathah, in the fields of Jaar we found it.
7 “Momma yɛnkɔ nʼatenaeɛ; momma yɛnsom wɔ ne nan ntiasoɔ hɔ.
We went to the place where he dwelt, we bowed ourselves low at his footstool.
8 ‘Ao Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea, wo ne wo tumi Adaka no.
“Arise, Lord, and enter your resting-place, you and your mighty ark.
9 Ma tenenee nyɛ sɛ ntadeɛ mma wʼasɔfoɔ; ma wʼahotefoɔ nto ahurisie dwom.’”
Let your priests wear a garment of righteousness, your faithful shout aloud for joy.
10 Wo ɔsomfoɔ Dawid enti, nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.
For the sake of David your servant, do not reject your Anointed.”
11 Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid, nokorɛ ntam a ɔrentwe nsane sɛ, “Wʼasefoɔ no mu baako na mede no bɛtena wʼahennwa so.
The Lord swore an oath to David an oath that he will not break; “I will set on your throne a prince of your line.
12 Sɛ wo mmammarima di mʼapam so na wɔtie me nkyerɛkyerɛ a, ɛnneɛ wɔn mmammarima bɛtena wʼahennwa so afebɔɔ.”
If your sons keep my covenant and the statutes I teach them, then their sons, too, forever, will sit on your throne.”
13 Awurade ayi Sion, ɔde hɔ ayɛ nʼatenaeɛ:
For the choice of the Lord is Zion; she is the home of his heart.
14 “Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa; ɛha na mɛtena adi ɔhene, ɛfiri sɛ ɛha na mepɛ,
“This is forever my resting-place, this is the home of my heart.
15 mede nneɛma pa bebree bɛhyira no na mama nʼahiafoɔ adidi amee.
I will royally bless her provision, and give bread to her poor in abundance.
16 Mede nkwagyeɛ bɛfira nʼasɔfoɔ na nʼahotefoɔ ato ahurisie dwom daa.
Her priests I will clothe with salvation; her faithful will shout for joy.
17 “Mɛma ɔberempɔn bi apue wɔ Dawid ahennie mu na mede kanea asi hɔ ama deɛ masra no ngo no.
There will I raise up for David a dynasty of power. I have set my anointed a lamp that shall never go out.
18 Mede aniwuo bɛfira nʼatamfoɔ, nanso nʼahenkyɛ bɛhyerɛn wɔ ne tiri so.”
Robes of shame I will put on his foes, but on his head a glittering crown.”