< Nnwom 131 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu, na mʼani ntraa ntɔn; memma nsɛm akɛseɛ nha me anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me.
Ein Lied Davids im höhern Chor. HERR, mein Herz ist nicht hoffärtig, und meine Augen sind nicht stolz, und wandle nicht in großen Dingen, die mir zu hoch sind.
2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no, te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no, saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.
Wenn ich meine Seele nicht setzte und stillete, so ward meine Seele entwöhnet, wie einer von seiner Mutter entwöhnet wird.
3 Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, seesei ne daa nyinaa.
Israel hoffe auf den HERRN von nun an bis in Ewigkeit!

< Nnwom 131 >