< Nnwom 130 >
1 Ɔsorokorɔ dwom. Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo;
Grádicsok éneke. A mélységből kiáltok hozzád, Uram!
2 Ao Awurade tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ.
Uram, hallgasd meg az én szómat; legyenek füleid figyelmetesek könyörgő szavamra!
3 Ao Awurade, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a, anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano?
Ha a bűnöket számon tartod, Uram: Uram, kicsoda maradhat meg?!
4 Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno enti wɔsuro wo.
Hiszen te nálad van a bocsánat, hogy féljenek téged!
5 Metwɛn Awurade, me kra twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ.
Várom az Urat, várja az én lelkem, és bízom az ő igéretében.
6 Me kra twɛne Awurade sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ, sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ.
Várja lelkem az Urat, jobban, mint az őrök a reggelt, az őrök a reggelt.
7 Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, ɛfiri sɛ Awurade wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daa na ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu.
Bízzál Izráel az Úrban, mert az Úrnál van a kegyelem, és bőséges nála a szabadítás!
8 Ɔno ankasa bɛgye Israel afiri wɔn bɔne nyinaa mu.
Meg is szabadítja ő Izráelt minden ő bűnéből.