< Nnwom 13 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa? Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me?
To the chief Musician. A Psalm of David. How long, Jehovah, wilt thou forget me for ever? how long wilt thou hide thy face from me?
2 Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn?
How long shall I take counsel in my soul, with sorrow in my heart daily? how long shall mine enemy be exalted over me?
3 Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna.
Consider, answer me, O Jehovah my God! lighten mine eyes, lest I sleep the [sleep of] death;
4 Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase.
Lest mine enemy say, I have prevailed against him! [lest] mine adversaries be joyful when I am moved.
5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu.
As for me, I have confided in thy loving-kindness; my heart shall be joyful in thy salvation.
6 Mɛto dwom ama Awurade, ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.
I will sing unto Jehovah, for he hath dealt bountifully with me.

< Nnwom 13 >