< Nnwom 128 >
1 Ɔsorokorɔ dwom. Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade, na wɔnante nʼakwan so.
(성전에 올라가는 노래) 여호와를 경외하며 그 도에 행하는 자마다 복이 있도다
2 Wobɛdi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.
네가 네 손이 수고한대로 먹을 것이라 네가 복되고 형통하리로다
3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba wɔ wo fie; na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri atwa wo ɛpono ho ahyia.
네 집 내실에 있는 네 아내는 결실한 포도나무 같으며 네 상에 둘린 자식은 어린 감람나무 같으리로다
4 Yei ne onipa a wɔahyira noɔ, deɛ ɔsuro Awurade no.
여호와를 경외하는 자는 이같이 복을 얻으리로다
5 Awurade nhyira wo mfiri Sion wo nkwa nna nyinaa; na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,
여호와께서 시온에서 네게 복을 주실지어다 너는 평생에 예루살렘의 복을 보며
6 na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma. Asomdwoeɛ nka Israel.
네 자식을 볼지어다 이스라엘에게 평강이 있을지로다