< Nnwom 126 >
1 Ɔsoroforɔ dwom. Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no, yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.
(성전에 올라가는 노래) 여호와께서 시온의 포로를 돌리실 때에 우리가 꿈꾸는 것 같았도다
2 Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ, “Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.”
그 때에 우리 입에는 웃음이 가득하고 우리 혀에는 찬양이 찼었도다 열방 중에서 말하기를 여호와께서 저희를 위하여 대사를 행하셨다 하였도다
3 Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma.
여호와를 위하여 대사를 행하셨으니 우리는 기쁘도다
4 Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn, te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no.
여호와여, 우리의 포로를 남방 시내들 같이 돌리소서
5 Wɔn a wɔdua no nisuo mu no de anigyeɛ nnwom bɛtwa.
눈물을 흘리며 씨를 뿌리는 자는 기쁨으로 거두리로다
6 Deɛ ɔde osu firi adie na ɔsoa aba kɔdua no, ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba a ɔso nnɔbaeɛ afiafi.
울며 씨를 뿌리러 나가는 자는 정녕 기쁨으로 그 단을 가지고 돌아 오리로다