< Nnwom 125 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion, a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa.
Ɔsoroforo dwom. Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion, a ɛnwosow na etim hɔ daa no.
2 Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia seesei ne daa.
Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyia mprempren ne daa.
3 Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase a wɔde ama teneneefoɔ so. Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔ nam wɔn so bɛyɛ bɔne.
Amumɔyɛfo ahempema renka asase a wɔde ama atreneefo no so, sɛ ɛba saa a, atreneefo nam wɔn so bɛyɛ bɔne.
4 Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa.
Awurade wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, wɔn a wɔteɛ wɔ koma mu no, yɛ wɔn papa.
5 Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ, Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ. Asomdwoeɛ nka Israel.
Na wɔn a wɔman fa akwan kɔntɔnkye so no de, Awurade betwa wɔn ne nnebɔneyɛfo asu. Asomdwoe nka Israel.

< Nnwom 125 >