< Nnwom 125 >
1 Ɔsoroforɔ dwom. Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion, a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa.
Hac ilahisi RAB'be güvenenler Siyon Dağı'na benzer, Sarsılmaz, sonsuza dek durur.
2 Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia seesei ne daa.
Dağlar Yeruşalim'i nasıl kuşatmışsa, RAB de halkını öyle kuşatmıştır, Şimdiden sonsuza dek.
3 Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase a wɔde ama teneneefoɔ so. Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔ nam wɔn so bɛyɛ bɔne.
Kalmayacak kötülerin asası, Doğruların payına düşen toprakta, Yoksa doğrular haksızlığa el uzatabilir.
4 Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa.
İyilik et, ya RAB, İyilere, yüreği temiz olanlara.
5 Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ, Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ. Asomdwoeɛ nka Israel.
Ama kendi halkından eğri yollara sapanları, RAB kötü uluslarla birlikte kovacak. İsrail'e esenlik olsun!