< Nnwom 124 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka.
Ɔsoroforo dwom. Dawid de. Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka,
2 Sɛ anka Awurade nni yɛn afa ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so,
Sɛ anka Awurade nni yɛn afa bere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so,
3 ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a, anka wɔmenee yɛn anikann;
bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn a anka wɔmemenee yɛn anikann;
4 anka nsuyire no bu faa yɛn so, anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,
anka nsuyiri no bebu afa yɛn so, anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ,
5 anka nsuo a ano yɛ den no afa yɛn kɔ.
anka nsu a ano yɛ den no bɛpra yɛn kɔ.
6 Nkamfoɔ nka Awurade a wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu.
Ayeyi nka Awurade a wamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu.
7 Yɛadwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ afidie mu; afidie no mu abubu, ama yɛanya ɛkwan adwane.
Yɛaguan sɛ anomaa afi ofirisumfo afiri mu; wɔabubu afiri no, ama yɛaguan.
8 Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.
Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfo no.

< Nnwom 124 >