< Nnwom 123 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahennwa si ɔsoro. 2 Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn kɔsi sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ. 3 Hu yɛn mmɔbɔ, Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtia bebree. 4 Ahomasofoɔ fɛdie ama yɛabrɛ dodo; ahantanfoɔ animtiabuo afono yɛn.

< Nnwom 123 >