< Nnwom 121 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba?
שיר למעלות אשא עיני אל-ההרים-- מאין יבא עזרי
2 Me mmoa firi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.
עזרי מעם יהוה-- עשה שמים וארץ
3 Ɔremma wo nan nwatiri, deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko.
אל-יתן למוט רגלך אל-ינום שמרך
4 Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel no rentɔ nko na ɔrenna.
הנה לא-ינום ולא יישן-- שומר ישראל
5 Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so;
יהוה שמרך יהוה צלך על-יד ימינך
6 Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu, na ɔsrane nso renha wo anadwo.
יומם השמש לא-יככה וירח בלילה
7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so;
יהוה ישמרך מכל-רע ישמר את-נפשך
8 Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so, seesei ne daa.
יהוה ישמר-צאתך ובואך-- מעתה ועד-עולם

< Nnwom 121 >