< Nnwom 12 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ “Seminit” sankuo nne so. Dawid dwom. Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofoɔ asa; nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.
For the Chief Musician; set to the Sheminith. A Psalm of David. Help, LORD; for the godly man ceaseth; for the faithful fail from among the children of men.
2 Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.
They speak vanity every one with his neighbour: with flattering lip, and with a double heart, do they speak.
3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;
The LORD shall cut off all flattering lips, the tongue that speaketh great things:
4 wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim; yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?”
Who have said, with our tongue will we prevail; our lips are our own: who is lord over us?
5 “Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni no ne ohiani apenesie no enti, mɛsɔre afei,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.”
For the spoiling of the poor, for the sighing of the needy, now will I arise, saith the LORD; I will set him in safety at whom they puff.
6 Awurade asɛm yɛ nokorɛ te sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mprɛnson.
The words of the LORD are pure words; as silver tried in a furnace on the earth, purified seven times.
7 Ao Awurade, wobɛkora yɛn na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho,
Thou shalt keep them, O LORD, thou shalt preserve them from this generation for ever.
8 abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ.
The wicked walk on every side, when vileness is exalted among the sons of men.

< Nnwom 12 >