< Nnwom 119 >

1 Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ na wɔnante sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ.
Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ, na wɔnantew sɛnea Awurade mmara kyerɛ.
2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ, na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no.
Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde, na wofi wɔn koma nyinaa mu hwehwɛ no.
3 Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara; na wɔnam nʼakwan so.
Wɔnyɛ mfomso biara; na wɔnam nʼakwan so.
4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ a ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ.
Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ a ɛsɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ.
5 Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ tee sɛdeɛ wo ɔhyɛ nsɛm no teɛ.
Ao, sɛ anka mʼakwan besi pi, ayɛ osetie wɔ wo hyɛ nsɛm ho ɛ!
6 Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no a ɛnneɛ, anka mʼanim rengu ase.
Sɛ midwen wo mmaransɛm no nyinaa ho a, ɛno de, anka mʼanim rengu ase.
7 Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo ɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no.
Mede koma a mu tew bɛkamfo wo bere a meresua wo mmara a ɛteɛ no.
8 Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so; na nnya me korakora.
Medi wo hyɛ nsɛm so; na nnyaw me korakora.
9 Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate? Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so.
Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew? Ɛsɛ sɛ odi wʼasɛm so.
10 Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo; mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho.
Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo; mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho.
11 Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu sɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo.
Mede wʼasɛm asie me koma mu sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo.
12 Ao Awurade, nkamfo wɔ wo; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Awurade, ayeyi nka wo; kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
13 Mede mʼano ka mmara a ɛfiri wʼanomu nyinaa.
Mede mʼano ka mmara a efi wʼanom nyinaa.
14 Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so te sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no.
Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so, sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no.
15 Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho na mehwehwɛ wʼakwan mu.
Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ ho na mehwehwɛ wʼakwan mu.
16 Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho; na merentoto wʼasɛm ase.
Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho; na merentoto wʼasɛm ase.
17 Yɛ wo ɔsomfoɔ yie; na matena ase adi wʼasɛm so.
Yɛ wo somfo yiye; na matena ase adi wʼasɛm so.
18 Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ a ɛwɔ wo mmara no mu.
Bue mʼani na minhu anwonwade a ɛwɔ wo mmara no mu.
19 Meyɛ ɔnanani wɔ asase so; mfa wo mmaransɛm no nhinta me.
Meyɛ ɔnanani wɔ asase so; mfa wo mmaransɛm no nhintaw me.
20 Me kra tɔ baha ɛberɛ biara wɔ wo mmara ho anigyina enti.
Me kra tɔ beraw bere biara, wo mmara ho anigyina nti.
21 Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn, na wɔmane firi wo mmaransɛm ho no.
Woka ahantanfo anim, wɔn a wɔadome wɔn, na wɔman fi wo mmaransɛm ho no.
22 Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu, ɛfiri sɛ medi wʼahyɛdeɛ so.
Yi wɔn animka ne animtiaabu fi me mu, efisɛ midi wʼahyɛde so.
23 Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro, nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.
Ɛwɔ mu sɛ sodifo hyia di me ho nseku, nanso wo somfo bedwinnwen wʼahyɛde ho.
24 Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛ na ɛyɛ me fotufoɔ.
Wʼahyɛde yɛ mʼanigyede na ɛyɛ me fotufo.
25 Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
Woabrɛ me ase ma meda mfutuma mu; kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm no te.
26 Mesesee mʼakwan na wogyee me so; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Mesesee mʼakwan na wugyee me so; kyerɛkyerɛ me wʼahyɛde.
27 Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase; na mɛdwendwene wʼanwanwadeɛ ho.
Ma mente nea ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase; na mesusuw wʼanwonwade ho.
28 Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha; hyɛ me den sɛdeɛ wʼasɛm no kyerɛ.
Awerɛhow ama me kra atɔ beraw; hyɛ me den sɛnea wʼasɛm no kyerɛ.
29 Yi me firi nnaadaa akwan so; na fa wo mmara so dom me.
Yi me fi nnaadaa akwan so; na fa wo mmara so dom me.
30 Mafa nokorɛ kwan no so; mede mʼakoma adi wo mmara akyi.
Mafa nokware kwan no so; mede me koma abata wo mmara ho.
31 Ao Awurade, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu denden mma mʼanim ngu ase.
Awurade, mikura wo nkyerɛkyerɛ mu dennen, mma mʼanim ngu ase.
32 Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so, ɛfiri sɛ wama mʼakoma atɔ me yam.
Mitu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so, efisɛ woama mʼadwene mu adɔ.
33 Kyerɛkyerɛ me, Ao Awurade, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so, na mɛdi so akɔsi awieeɛ.
Kyerɛkyerɛ me, Awurade, na minni wo hyɛ nsɛm so, na medi so akosi awiei.
34 Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so, na mede mʼakoma nyinaa bɛdi so.
Ma me ntease, na medi wo mmara so, na mede me koma nyinaa bedi so.
35 Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no na ɛhɔ na menya anigyeɛ.
Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no na hɔ na minya anigye.
36 Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ ho na ɛmfiri pɛsɛmenkomenya ho.
Dan me koma kɔ wʼahyɛde ho na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya so mfaso ho.
37 Yi mʼani firi nneɛma hunu so; na kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm teɛ.
Yi mʼani fi nneɛma hunu so; na kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm te.
38 Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so, na wasuro wo.
Di bɔ a woahyɛ wo somfo no so, na wasuro wo.
39 Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ, ɛfiri sɛ wo mmara yɛ papa.
Yi animguase a ɛbɔ me hu no fi hɔ, efisɛ wo mmara yɛ papa.
40 Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no! Kyɛe me nkwa so wɔ wo tenenee mu.
Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no! Kyɛe me nkwa so wɔ wo trenee mu.
41 Ao Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so, wo nkwagyeɛ no sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so, wo nkwagye no, sɛnea wo bɔhyɛ no te.
42 Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no, ɛfiri sɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotosoɔ.
Afei mebua nea oyi me ahi no, efisɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotoso.
43 Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom, ɛfiri sɛ mʼanidasoɔ wɔ wo mmara mu.
Nyi nokwasɛm no mfi mʼanom, efisɛ mʼanidaso wɔ wo mmara mu.
44 Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biara akɔsi daa apem.
Medi wo mmara so bere biara akosi daa apem.
45 Mede ahofadie bɛnante ɛfiri sɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.
Mede ahofadi bɛnantew, efisɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.
46 Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo anim na mʼanim rengu ase,
Mɛka wʼahyɛde ho asɛm wɔ ahemfo anim na wɔrengu mʼanim ase,
47 ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho na medɔ no.
efisɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho, na medɔ no.
48 Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no, na medwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.
Mede nidi ma wo mmaransɛm a medɔ no, na midwinnwen wo hyɛ nsɛm ho.
49 Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ, ɛfiri sɛ woama me anidasoɔ.
Kae asɛm a woaka akyerɛ wo somfo, efisɛ woama me anidaso.
50 Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ: Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.
Mʼawerɛkyekye wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ: Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.
51 Ahantanfoɔ bu me animtia bebree, nanso mennane mfiri wo mmara ho.
Ahantanfo bu me animtiaa bebree, nanso mennan mfi wo mmara ho.
52 Ao Awurade mekae wo tete mmara no, na menya awerɛkyekyerɛ wɔ mu.
Awurade mekae wo tete mmara no, na minya awerɛkyekye wɔ mu.
53 Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔ a wɔapo wo mmara enti.
Abufuw hyɛ me ma, esiane amumɔyɛfo a wɔapo wo mmara nti.
54 Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban wɔ baabiara a mesoɛ.
Wo hyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban wɔ baabiara a mesoɛ.
55 Ao Awurade, anadwo mekae wo din, na mɛdi wo mmara so.
Awurade, anadwo mekae wo din, na medi wo mmara so.
56 Yei ne adeɛ a meyɛ da biara, medi wo nkyerɛkyerɛ so.
Eyi ne ade a meyɛ da biara, midi wo nkyerɛkyerɛ so.
57 Ao Awurade, wone me kyɛfa; mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so.
Awurade, wo ne me kyɛfa; mahyɛ bɔ sɛ medi wo nsɛm so.
58 Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo; hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
Mede me koma nyinaa ahwehwɛ wo; hu me mmɔbɔ sɛnea wo bɔhyɛ no te.
59 Madwene mʼakwan ho na madane mʼanammɔntuo akyerɛ wʼahyɛdeɛ.
Madwene mʼakwan ho na madan mʼanammɔntu akyerɛ wʼahyɛde.
60 Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn sɛ mɛdi wo mmaransɛm soɔ.
Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn sɛ medi wo mmara nsɛm so.
61 Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere me nanso me werɛ remfiri wo mmara.
Ɛwɔ mu, amumɔyɛfo de hama kyekyere me, nanso me werɛ remfi wo mmara.
62 Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wo wo mmara a ɛtene enti.
Ɔdasu mu, mesɔre de wʼaseda ma wo, wo mmara a ɛteɛ nti.
63 Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo, wɔn a wɔdi wo nkyerɛkyerɛ soɔ nyinaa.
Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo, wɔn a wodi wo nkyerɛkyerɛ so nyinaa.
64 Ao Awurade, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Awurade, wʼadɔe ahyɛ asase so ma; kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
65 Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yie sɛdeɛ wʼasɛm teɛ, Ao Awurade.
Wo ne wo somfo nni no yiye sɛnea wʼasɛm te, Awurade.
66 Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa, ɛfiri sɛ megye wo mmaransɛm no di.
Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmu pa, efisɛ migye wo mmara nsɛm no di.
67 Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan, na seesei deɛ, medi wʼasɛm so.
Mefom ɔkwan ansa na mihuu amane, na mprempren de midi wʼasɛm so.
68 Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Wuye, na nea woyɛ nso ye; kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
69 Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho, nanso mede mʼakoma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so.
Ahantanfo de atoro asra me ho de, nanso mede me koma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so.
70 Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema, nanso mʼani gye wo mmara ho.
Wɔn koma yɛ den na wonni ɔtema, nanso mʼani gye wo mmara ho.
71 Ɛyɛ sɛ mehunuu amane sɛdeɛ mɛsua wo ɔhyɛ nsɛm.
Eye sɛ mihuu amane sɛnea mesua wo hyɛ nsɛm.
72 Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma me sene dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpempem.
Mmara a efi wʼanom no som bo ma me sen dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpem mpem.
73 Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me; ma me nteaseɛ a mede bɛsua wo mmaransɛm.
Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwenee me; ma me ntease a mede besua wo mmara nsɛm.
74 Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye, ɛfiri sɛ mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
Sɛ wɔn a wosuro wo no hu me a, ma wɔn ani nnye, efisɛ mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.
75 Ao Awurade, menim sɛ wo mmara tene, na nokorɛdie mu na woatwe mʼaso.
Awurade, minim sɛnea wo mmara te, na nokwaredi mu na woatwe mʼaso.
76 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛ sɛdeɛ ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no teɛ.
Ma wʼadɔe a ɛnsa da no nkyekye me werɛ sɛnea bɔ a woahyɛ wo somfo no te no.
77 Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa, ɛfiri sɛ mʼani ka wo mmara ho.
Ma wʼayamhyehye mmra me so, na minnya nkwa, efisɛ mʼani ka wo mmara ho.
78 Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me, nanso, mɛdwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho.
Ma ahantanfo ani nwu sɛ wɔfom me kwa nti nanso mesusuw wo nkyerɛkyerɛ ho.
79 Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn, wɔn a wɔte wo mmara ase no.
Ma wɔn a wosuro wo no mmra me nkyɛn, wɔn a wɔte wo mmara ase no.
80 Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho, na mʼanim angu ase.
Ma me koma nnya bembu wɔ wo hyɛ nsɛm ho, na mʼanim angu ase.
81 Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha, nanso mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
Wo nkwagye ho anigyina ama me kra atɔ piti, nanso mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.
82 Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu; meka sɛ, “Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?”
Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu; meka se, “Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?”
83 Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ, nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm.
Ɛwɔ mu sɛ mete sɛ nsa kotoku a ɛsɛn wusiw ano de, nanso me werɛ mfi wo hyɛ nsɛm no.
84 Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn? Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?
Wo somfo ntwɛn nkosi da bɛn? Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?
85 Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie, a ɛne wo mmara bɔ abira.
Ahantanfo atu amoa de asum me afiri, a ɛne wo mmara bɔ abira.
86 Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ; boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa.
Wo mmara nsɛm nyinaa mu wɔ ahotoso; boa me, efisɛ nnipa taa me kwa.
87 Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so, nanso mennyaa wo nkyerɛkyerɛ so die.
Ɛkaa kakraa bi a anka woyii me fii asase so, nanso minnyaee wo nkyerɛkyerɛ sodi.
88 Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, na mɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛfiri wʼanomu no so.
Kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te, na medi nkyerɛkyerɛ a efi wʼanom no so.
89 Ao Awurade, wʼasɛm no tim hɔ daa; ɛgyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro.
Awurade, wʼasɛm no wɔ hɔ daa; egyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro.
90 Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; wode asase sii hɔ, na ɛtim hɔ.
Wo nokwaredi kɔ so wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu; wode asase sii hɔ, na etim hɔ.
91 Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ, na nneɛma nyinaa som wo.
Wo mmara wɔ hɔ besi nnɛ, na nneɛma nyinaa som wo.
92 Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a, anka mʼamanehunu akum me.
Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a, anka mʼamanehunu akum me.
93 Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no, ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.
Me werɛ remfi wo nkyerɛkyerɛ no, efisɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.
94 Gye me nkwa, na meyɛ wo dea; na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no.
Gye me nkwa, na meyɛ wo de; na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no.
95 Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho.
Amumɔyɛfo retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, nanso, misusuw wʼahyɛde ho.
96 Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem; nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ.
Mahu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ nea ɛkɔpem; nanso wo mmara nsɛm no nni ɔhye.
97 Ao medɔ wo mmara no! Medwendwene ho ɛda mu nyinaa.
Ao, medɔ wo mmara no yiye! Midwinnwen ho da mu nyinaa.
98 Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ, ɛfiri sɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.
Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo, efisɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.
99 Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ medwendwene wʼahyɛdeɛ ho.
Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa, efisɛ midwinnwen wʼahyɛde ho.
100 Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ, ɛfiri sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so.
Mewɔ ntease sen mpanyimfo, efisɛ midi wo nkyerɛkyerɛ so.
101 Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara so sɛdeɛ mɛtumi ayɛ ɔsetie ama wʼasɛm.
Memfaa mʼanan nsii ɔkwan bɔne biara so sɛnea metumi ayɛ osetie ama wʼasɛm.
102 Memmane memfirii wo mmara ho, ɛfiri sɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me.
Memman mfii wo mmara ho, efisɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me.
103 Wo nsɛm yɛ me dɛ, ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ wɔ mʼanom.
Wo nsɛm yɛ me dɛ, ɛyɛ dɛ sen ɛwo wɔ mʼanom.
104 Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu; enti mekyiri ɛkwan bɔne biara.
Minya ntease fi wo nkyerɛkyerɛ mu; enti mikyi ɔkwan bɔne biara.
105 Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea ne mʼakwan so hann.
Wʼasɛm yɛ mʼanan ase kanea ne me kwan so hann.
106 Maka ntam ahyɛ mu kena sɛ mɛdi wo tenenee mmara no so.
Maka ntam ahyɛ mu kena se medi wo trenee mmara no so.
107 Mahunu amane bebree; kyɛe me nkwa so, Ao Awurade, sɛdeɛ wʼasɛm teɛ.
Mahu amane bebree; kyɛe me nkwa so, Awurade, sɛnea wʼasɛm te.
108 Ao Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu, na kyerɛkyerɛ me wo mmara.
Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a efi me pɛ mu, na kyerɛkyerɛ me wo mmara.
109 Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase, nanso me werɛ remfiri wo mmara.
Ɛwɔ mu sɛ daa metoto me nkwa ase de, nanso me werɛ remfi wo mmara.
110 Amumuyɛfoɔ asum me afidie nanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho.
Amumɔyɛfo asum me afiri, nanso memfom mfii wo nkyerɛkyerɛ ho.
111 Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ; ɛma mʼakoma ani gye.
Wʼahyɛde yɛ mʼagyapade afebɔɔ; ɛma me koma ani gye.
112 Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm so akɔsi awieeɛ.
Me koma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo hyɛ nsɛm so akosi awiei.
113 Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta, na medɔ wo mmara.
Mikyi nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta, na medɔ wo mmara.
114 Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm; mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
Wone me guankɔbea ne me kyɛm; mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.
115 Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ, na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so!
Mumfi me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo, na minni me Nyankopɔn mmara nsɛm so!
116 Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu; mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa.
Wowaw me sɛnea wo bɔhyɛ no te, na mɛtena nkwa mu; mma mʼanidaso nyɛ ɔkwa.
117 Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ; na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.
So me mu, na menya ogye; na bere biara mɛhwɛ wo hyɛ nsɛm no.
118 Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa, na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa.
Wopo wɔn a wɔfom wo hyɛ nsɛm nyinaa, na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa.
119 Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben; enti medɔ wʼahyɛdeɛ.
Wotow amumɔyɛfo nyinaa gu sɛ afide; enti medɔ wʼahyɛde.
120 Wo ho suro ma me ho popo; wo mmara abɔ me hu.
Wo ho suro ma me ho popo; wo mmara abɔ me hu.
121 Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ. Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ!
Mayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ. Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me so!
122 Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie; mma ahantanfoɔ nhyɛ me so.
Hwɛ ma wo somfo nni yiye; mma ahantanfo nhyɛ me so.
123 Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu, ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛtene no.
Mahwɛ wo nkwagye anim ama mʼani abu, ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛteɛ no.
124 Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Wo ne wo somfo nni no sɛnea wʼadɔe te, na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
125 Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumu na mate wʼahyɛdeɛ ase.
Meyɛ wo somfo; ma me nhumu na mate wʼahyɛde ase.
126 Ao Awurade, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi; wɔrebu wo mmara so.
Awurade, bere aso sɛ woyɛ biribi; wɔrebu wo mmara so.
127 Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛm sene sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ amapa,
Esiane sɛ medɔ wo mmara nsɛm sen sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ ankasa,
128 na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ enti mekyiri ɛkwan bɔne biara.
na midwen sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa ye nti, mikyi ɔkwan bɔne biara.
129 Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa; enti medi so.
Wʼahyɛde yɛ nwonwa; enti midi so.
130 Wo nsɛm ase teɛ ma hann; na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ.
Wo nsɛm asete ma hann; na ɛma ntetekwaa nya ntease.
131 Mebue mʼanom na megu ahome, na mʼani gyina wo mmaransɛm.
Mibue mʼanom na migu ahome, na mʼani gyina wo mmara nsɛm.
132 Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no.
Dan wʼani hwɛ me na hu me mmɔbɔ sɛnea woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no.
133 Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. Mma bɔne biara nni me so.
Tutu mʼanammɔn sɛnea wʼasɛm no te; mma bɔne biara nni me so.
134 Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu, na madi wo nkyerɛkyerɛ so.
Gye me fi nnipa nhyɛso mu, na madi wo nkyerɛkyerɛ so.
135 Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Ma wʼanim nhyerɛn wo somfo so na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
136 Nisuo adware me sɛ asutene ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so.
Nsuten nisu aguare me, efisɛ nnipa nni wo mmara so.
137 Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ.
Ɔtreneeni ne wo, Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ.
138 Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene; ɛyɛ deɛ wɔnya mu ahotosoɔ pa ara.
Ahyɛde a woayɛ no yɛ trenee; ɛyɛ nea wonya mu ahotoso pa ara.
139 Abufuo ahyɛ me ma, ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ bu wɔn ani gu wo nsɛm no.
Abufuw ahyɛ me ma, efisɛ mʼatamfo bu wɔn ani gu wo nsɛm so.
140 Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara, na wo ɔsomfoɔ dɔ wɔn.
Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahorow no ahwɛ pa ara, na wo somfo dɔ wɔn.
141 Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ, nanso me werɛ mfiri wo nkyerɛkyerɛ.
Ɛwɔ mu sɛ menka hwee na memfra de, nanso me werɛ mfi wo nkyerɛkyerɛ.
142 Wo tenenee wɔ hɔ daa na wo mmara no yɛ nokorɛ.
Wo trenee wɔ hɔ daa, na wo mmara no yɛ nokware.
143 Ɔhaw ne ahohiahia aduru me, nanso wo mmaransɛm ma me ahosɛpɛ.
Ɔhaw ne awerɛhow aba me so, nanso wo mmara nsɛm ma me ahosɛpɛw.
144 Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa; ma me nteaseɛ na manya nkwa.
Wʼahyɛde yɛ nokware daa; ma me ntease na manya nkwa.
145 Ao Awurade, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so, na mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm no so.
Awurade, mede me koma nyinaa mefrɛ wo, gye me so, na medi wo hyɛ nsɛm no so.
146 Mesu mefrɛ wo, gye me nkwa na medi wʼahyɛdeɛ so.
Misu mefrɛ wo, gye me nkwa na midi wʼahyɛde so.
147 Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa; mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu.
Mesɔre anɔpahema, na misu pɛ mmoa; mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu.
148 Mʼani gu so anadwo nyinaa, na mɛdwendwene wo bɔhyɛ ho.
Mʼani gu so anadwo nyinaa, na misusuw wo bɔhyɛ ho.
149 Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ; Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara teɛ.
Tie me nne sɛnea wʼadɔe no te; Awurade, kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara te.
150 Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn, nanso wɔne wo mmara ntam ware.
Wɔn a wɔhyehyɛ atirimɔdensɛm no abɛn, nanso wɔne wo mmara ntam ware.
151 Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me, na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ.
Awurade, wo de, wobɛn me, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware.
152 Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ a wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no.
Mmere bi a atwa mu no, misuaa wʼahyɛde a wode tim hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no.
153 Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no.
Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa efisɛ me werɛ mfii wo mmara no.
154 Di mʼasɛm ma me na gye me. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
Di mʼasɛm ma me na gye me; kyɛe me nkwa so sɛnea wo bɔhyɛ no te.
155 Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware, ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.
Nkwagye ne atirimɔdenfo ntam kwan ware, efisɛ wɔnhwehwɛ wo hyɛ nsɛm no.
156 Ao Awurade, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ; kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara no teɛ.
Awurade, wʼayamhyehye yɛ kɛse; kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara no te.
157 Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso, nanso memmane memfirii wo nhyehyɛeɛ ho.
Atamfo a wɔteetee me dɔɔso, nanso memman mfii wo nhyehyɛe ho.
158 Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu, ɛfiri sɛ wɔnni wʼasɛm so.
Mehwɛ wɔn a wonni gyidi no a wɔn ho yɛ me nwini, efisɛ wonni wʼasɛm so.
159 Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho; Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.
Hwɛ sɛnea mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho; Awurade, kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te.
160 Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ; na wo mmara a ɛtene no to rentwa da.
Wo nsɛm nyinaa yɛ nokware; na wo mmara a ɛteɛ no to rentwa da.
161 Sodifoɔ taataa me kwa, nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na mesuro.
Sodifo taataa me kwa, nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na misuro.
162 Mʼani gye wo bɔhyɛ ho te sɛ obi a wanya asadeɛ kɛseɛ.
Mʼani gye wo bɔhyɛ ho te sɛ obi a wanya asade kɛse.
163 Mekyiri nkontompo na medɔ wo mmara.
Mikyi nkontompo na medɔ wo mmara.
164 Mekamfo wo mprɛnson da biara wo mmara a ɛtene no enti.
Mekamfo wo mpɛn ason da biara, wo mmara a ɛteɛ no nti.
165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso, na biribiara rentumi mma wɔnsunti.
Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe mmoroso, na biribiara rentumi mma wonhintiw.
166 Ao Awurade, metwɛn wo nkwagyeɛ, na medi wo mmaransɛm so.
Awurade, metwɛn wo nkwagye, na midi wo mmara nsɛm so.
167 Medi wʼahyɛdeɛ so na medɔ no yie.
Midi wʼahyɛde so na medɔ no yiye.
168 Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so, na wonim mʼakwan nyinaa.
Midi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛde so, na wunim mʼakwan nyinaa.
169 Ao Awurade, ma me sufrɛ nnuru wʼanim; ma me nteaseɛ sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
Awurade, ma me sufrɛ nnu wʼanim; ma me ntease sɛnea wʼasɛm no te.
170 Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim; na gye me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
Ma me nkotosrɛ nnu wʼanim; na gye me sɛnea wo bɔhyɛ no te.
171 Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; efisɛ wokyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
172 Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom, ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene.
Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom, efisɛ wo mmara nsɛm nyinaa yɛ trenee.
173 Yɛ ahoboa bɛboa me, ɛfiri sɛ masɔ wo nkyerɛkyerɛ no mu.
Ma wo nsa nyɛ krado mmɛboa me, efisɛ maso wo nkyerɛkyerɛ no mu.
174 Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ, na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ.
Awurade, mʼani agyina wo nkwagye, na wo mmara yɛ mʼanigyede.
175 Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo, na wo mmara nso awowa me.
Ma mentena nkwa mu na matumi akamfo wo, na wo mmara nso awowaw me.
176 Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera. Hwehwɛ wo ɔsomfoɔ, ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmaransɛm no.
Mafom kwan sɛ oguan a wayera. Hwehwɛ wo somfo, efisɛ me werɛ mfii wo mmara nsɛm no ɛ.

< Nnwom 119 >