< Nnwom 118 >

1 Monna Awurade ase ɛfiri sɛ ɔyɛ, na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
여호와께 감사하라! 저는 선하시며 그 인자하심이 영원함이로다
2 Momma Israel nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”
이제 이스라엘은 말하기를 그 인자하심이 영원하다 할지로다
3 Momma Aaron fie nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”
이제 아론의 집은 말하기를 그 인자하심이 영원하다 할지로다
4 Momma wɔn a wɔsuro Awurade nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”
이제 여호와를 경외하는 자는 말하기를 그 인자하심이 영원하다 할지로다
5 Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade; ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho.
내가 고통 중에 여호와께 부르짖었더니 여호와께서 답하시고 나를 광활한 곳에 세우셨도다
6 Awurade ne me ɔboafoɔ; enti merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?
여호와는 내 편이시라 내게 두려움이 없나니 내게 어찌할꼬
7 Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me ɔboafoɔ. Mede nkonimdie bɛhwɛ mʼatamfoɔ.
여호와께서 내 편이 되사 나를 돕는 자 중에 계시니 그러므로 나를 미워하는 자에게 보응하시는 것을 내가 보리로다
8 Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta wɔ Awurade mu sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa soɔ.
여호와께 피함이 사람을 신뢰함보다 나으며
9 Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta Awurade mu sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.
여호와께 피함이 방백들을 신뢰함보다 낫도다
10 Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiaaɛ, nanso Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.
11 Wɔtwaa me ho hyiaeɛ wɔ baabiara, nanso Awurade din mu, metwitwaa wɔn guiɛ.
12 Wɔkyere guu me so sɛ nwowa, nanso wɔhyee ntɛm so sɛ nkasɛɛ a ogya atɔ mu; Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.
13 Wɔsum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase, nanso Awurade boaa me.
14 Awurade yɛ mʼahoɔden ne me dwom; wayɛ me nkwagyeɛ.
15 Osebɔ ne nkonimdie gyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ, “Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!
16 Wɔapagya Awurade nsa nifa so; Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!”
17 Merenwu, mmom mɛtena ase na mapae mu aka deɛ Awurade ayɛ.
18 Awurade atwe mʼaso denden, nanso ɔnnyaa me mmaa owuo.
19 Bue tenenee apono ma me; na mɛhyɛne mu na mede aseda ama Awurade.
20 Awurade ɛpono nie; ɛhɔ na ateneneefoɔ bɛfa ahyɛne mu.
21 Mɛda wo ase ɛfiri sɛ wogyee me so; na woayɛ me nkwagyeɛ.
22 Ɔboɔ a adansifoɔ no poeɛ no, abɛyɛ tweatiboɔ.
23 Awurade na ayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so.
24 Ɛnnɛ yɛ ɛda a Awurade ayɛ. Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie.
25 Ao Awurade, gye yɛn nkwa; Ao Awurade, ma yɛn nkɔsoɔ.
26 Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba. Yɛhyira wo firi Awurade fie.
27 Awurade yɛ Onyankopɔn, na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. Momfa nnua mman nkura na yɛnto afahyɛ santen nkɔ afɔrebukyia no mmɛn ho.
28 Woyɛ me Onyankopɔn, na meda wo ase; wone me Onyankopɔn, na mɛma wo so.
29 Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

< Nnwom 118 >