< Nnwom 115 >

1 Ɛnyɛ yɛn, Ao Awurade, ɛnyɛ yɛn na wo din na animuonyam nka, wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti.
Not to us, O LORD, not to us, but to Your name be the glory, because of Your loving devotion, because of Your faithfulness.
2 Adɛn enti na aman no bisa sɛ, “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?”
Why should the nations say, “Where is their God?”
3 Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro; deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ.
Our God is in heaven; He does as He pleases.
4 Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ.
Their idols are silver and gold, made by the hands of men.
5 Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa; wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ.
They have mouths, but cannot speak; they have eyes, but cannot see;
6 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm; wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa.
they have ears, but cannot hear; they have noses, but cannot smell;
7 Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka; Wɔwɔ nan, nanso wɔnnante. Wɔntumi mma nnyegyeeɛ bi mfiri wɔn mene mu.
they have hands, but cannot feel; they have feet, but cannot walk; they cannot even clear their throats.
8 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
Those who make them become like them, as do all who trust in them.
9 Ao Israelfoɔ, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.
O Israel, trust in the LORD! He is their help and shield.
10 Ao Aaron fie, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.
O house of Aaron, trust in the LORD! He is their help and shield.
11 Mo a mosuro no, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.
You who fear the LORD, trust in the LORD! He is their help and shield.
12 Awurade kae yɛn na ɔbɛhyira yɛn: Ɔbɛhyira Israel fie, ɔbɛhyira Aaron fie
The LORD is mindful of us; He will bless us. He will bless the house of Israel; He will bless the house of Aaron;
13 Ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro Awurade, nkumaa ne akɛseɛ nyinaa.
He will bless those who fear the LORD— small and great alike.
14 Awurade mma wʼase nnɔre, wo ne wo mma.
May the LORD give you increase, both you and your children.
15 Awurade nhyira wo, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.
May you be blessed by the LORD, the Maker of heaven and earth.
16 Ɔsorosoro yɛ Awurade dea, nanso asase deɛ, ɔde ama onipa.
The highest heavens belong to the LORD, but the earth He has given to mankind.
17 Ɛnyɛ awufoɔ na wɔkamfo Awurade, wɔn a wɔkɔ fam dinn no rentumi nkamfo Awurade.
It is not the dead who praise the LORD, nor any who descend into silence.
18 Yɛn na yɛma Awurade so ɛnnɛ ne daa nyinaa. Monkamfo Awurade.
But it is we who will bless the LORD, both now and forevermore. Hallelujah!

< Nnwom 115 >