< Nnwom 114 >

1 Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no,
Bere a Israelfo fii Misraim, na Yakobfifo fii ananafo asase so no,
2 Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼahemman.
Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼaheman.
3 Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ, Yordan sanee nʼakyi;
Po no hwɛe, na eguanee, Yordan san nʼakyi;
4 Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa.
Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, nkoko nso huruhuruwii sɛ nguantenmma.
5 Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ, Ao Yordan, na wosanee wʼakyi,
Dɛn na ɛbae, ɛpo, na wuguanee? Yordan, adɛn, na wosan wʼakyi?
6 mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini, na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa?
Mmepɔw, adɛn, na muhuruhuruw sɛ adwennini, na mo nkoko, muhuruhuruw sɛ nguantenmma yi?
7 Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Onyankopɔn anim,
Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Nyankopɔn anim,
8 ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura, na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no.
ɔno na ɔmaa ɔbotan no dan asubura, na ɔbotan dennen dan nsuwa aniwa no.

< Nnwom 114 >