< Nnwom 113 >

1 Monkamfo Awurade. Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no, monkamfo Awurade din. 2 Momma wɔnkamfo Awurade din, seesei ne daa nyinaa. 3 Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din. 4 Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanimuonyam tra ɔsorosoro. 5 Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn, Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro, 6 ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase. 7 Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu na ɔpagya onnibie firi nso sie so; 8 ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu. 9 Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ. Monkamfo Awurade.

< Nnwom 113 >