< Nnwom 112 >

1 Monkamfo Awurade. Nhyira nka onipa a ɔsuro Awurade na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii. 2 Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so; teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira. 3 Ahonya ne sika wɔ ne fie, na ne tenenee tena hɔ daa. 4 Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene, ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ. 5 Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa. Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so. 6 Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da; wɔbɛkae onipa tenenee daa. 7 Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu; nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu. 8 Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro; awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ. 9 Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ, ne tenenee wɔ hɔ daa; wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam. 10 Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea, ɔbɛtwere ne se na wafɔn; omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa.

< Nnwom 112 >