< Nnwom 112 >
1 Monkamfo Awurade. Nhyira nka onipa a ɔsuro Awurade na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii.
Halleluja! Salig er den mann som frykter Herren, som har sin store lyst i hans bud.
2 Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so; teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira.
Hans avkom skal være mektig på jorden; de opriktiges slekt skal velsignes.
3 Ahonya ne sika wɔ ne fie, na ne tenenee tena hɔ daa.
Det er velstand og rikdom i hans hus, og hans rettferdighet står fast evindelig.
4 Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene, ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ.
Det går op et lys i mørket for de opriktige, for den som er nådig og barmhjertig og rettferdig.
5 Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa. Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so.
Lykkelig er den mann som forbarmer sig og låner ut; han hevder all sin sak i dommen.
6 Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da; wɔbɛkae onipa tenenee daa.
For han skal ikke rokkes evindelig; den rettferdige skal være i evig minne.
7 Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu; nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu.
Han skal ikke frykte for nogen ond tidende; hans hjerte er fast, det setter sin lit til Herren.
8 Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro; awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ.
Hans hjerte er trygt; han frykter ikke, inntil han ser med lyst på sine fiender.
9 Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ, ne tenenee wɔ hɔ daa; wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam.
Han har strødd ut, han har gitt de fattige; hans rettferdighet står fast evindelig, hans horn skal ophøies med ære.
10 Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea, ɔbɛtwere ne se na wafɔn; omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa.
Den ugudelige skal se det og harmes, han skal skjære tenner og optæres; de ugudeliges attrå blir til intet.