< Nnwom 11 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so. 2 Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu, na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so sɛ wɔbɛto wɔ esum mu de awɔ akoma mu ahotefoɔ. 3 Sɛ wɔresɛe fapem no a, ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?” 4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahennwa so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu. 5 Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu, na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ, ne kra kyiri wɔn. 6 Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ agu Amumuyɛfoɔ so; na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa. 7 Awurade yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ atɛntenenee; wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim.

< Nnwom 11 >