< Nnwom 11 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.
En Yavé me refugio. ¿Cómo puedes decir a mi alma: Huye como ave a tu montaña?
2 Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu, na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so sɛ wɔbɛto wɔ esum mu de awɔ akoma mu ahotefoɔ.
Pues ahí están los perversos que tensan el arco. Preparan su flecha en la cuerda Para dispararla en la oscuridad a los de corazón recto.
3 Sɛ wɔresɛe fapem no a, ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?”
Si son destruidos los fundamentos, ¿Qué puede hacer el justo?
4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahennwa so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.
Yavé está en su santo Templo. Yavé tiene en los cielos su trono. Sus ojos observan, Sus párpados examinan a los hijos de los hombres.
5 Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu, na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ, ne kra kyiri wɔn.
Yavé prueba al justo, Pero su alma aborrece al perverso Y al que ama violencia.
6 Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ agu Amumuyɛfoɔ so; na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa.
Hará llover carbones encendidos sobre los perversos, Fuego, azufre y viento abrasador. Tal será la porción de la copa de ellos.
7 Awurade yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ atɛntenenee; wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim.
Porque Yavé es justo. Él ama la justicia. Los rectos contemplarán su rostro.

< Nnwom 11 >