< Nnwom 109 >
1 Dawid dwom. Ao Onyankopɔn a mekamfo woɔ, mmua wʼano,
For the choirmaster. A Psalm of David. O God of my praise, be not silent.
2 na amumuyɛfoɔ ne nkontompofoɔ atu wɔn ano agu me so; wɔde atorɔ tɛkrɛma akasa atia me.
For wicked and deceitful mouths open against me; they speak against me with lying tongues.
3 Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia na wɔto hyɛ me so a menkaa wɔn.
They surround me with hateful words and attack me without cause.
4 Wɔka nsɛm to me so de tua me nnamfoyɛ so ka, nanso meyɛ obi a ɔpɛ mpaeɛbɔ.
In return for my love they accuse me, but I am a man of prayer.
5 Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka, na wɔde ɔtan tua me nnamfoyɛ so ka.
They repay me evil for good, and hatred for my love.
6 Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no; na Satan nnyina ne nsa nifa so.
Set over him a wicked man; let an accuser stand at his right hand.
7 Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni fɔ, na ne mpaeɛbɔ mmu no kumfɔ.
When he is tried, let him be found guilty, and may his prayer be regarded as sin.
8 Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi; na ɔfoforɔ nsi nʼanan mu sɛ ɔkandifoɔ.
May his days be few; may another take his position.
9 Ma ne mma nyɛ nwisiaa na ne yere nyɛ okunafoɔ.
May his children be fatherless and his wife a widow.
10 Ma ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ; ma wɔmpam wɔn mfiri wɔn afie a abubuo no mu.
May his children wander as beggars, seeking sustenance far from their ruined homes.
11 Ma ɔdefirifoɔ bi mfa deɛ ɔwɔ nyinaa; na amanfrafoɔ mfom nʼadwuma so aba.
May the creditor seize all he owns, and strangers plunder the fruits of his labor.
12 Mma obiara nhunu no mmɔbɔ Mma obiara nhunu ne nwisiaa nso mmɔbɔ.
May there be no one to extend kindness to him, and no one to favor his fatherless children.
13 Ma nʼase nhye, na wɔn din nyera wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu.
May his descendants be cut off; may their name be blotted out from the next generation.
14 Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim; na ne maame bɔne no ntena hɔ daa.
May the iniquity of his fathers be remembered before the LORD, and the sin of his mother never be blotted out.
15 Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim, na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.
May their sins always remain before the LORD, that He may cut off their memory from the earth.
16 Ɛfiri sɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ, na mmom ɔtaa ahiafoɔ mmɔborɔfoɔ ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ de kɔɔ owuo mu.
For he never thought to show kindness, but pursued the poor and needy and brokenhearted, even to their death.
17 Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome enti nnome mmra ne so; wampɛ sɛ ɔbɛhyira enti nhyira mmɔ no.
The cursing that he loved, may it fall on him; the blessing in which he refused to delight, may it be far from him.
18 Ɔhyɛɛ nnome sɛ atadeɛ; ɛnonom kɔɔ ne onipadua mu sɛ nsuo, ne ne nnompe mu sɛ ngo.
The cursing that he wore like a coat, may it soak into his body like water, and into his bones like oil.
19 Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho, ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa.
May it be like a robe wrapped about him, like a belt tied forever around him.
20 Ma yei nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ, wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.
May this be the LORD’s reward to my accusers, to those who speak evil against me.
21 Nanso, wo Ao Asafo Awurade, wo din enti, wo ne me nni no yie; firi wʼadɔeɛ mu gye me.
But You, O GOD, the Lord, deal kindly with me for the sake of Your name; deliver me by the goodness of Your loving devotion.
22 Ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne deɛ onnibie, na mʼakoma atɔ baha wɔ me mu.
For I am poor and needy; my heart is wounded within me.
23 Metwam sɛ anwummerɛ sunsumma; wɔwoso me kyene sɛ ntutummɛ.
I am fading away like a lengthening shadow; I am shaken off like a locust.
24 Abuadadie ama me kotodwe mu agogo; mafɔn na ama aka me nnompe.
My knees are weak from fasting, and my body grows lean and gaunt.
25 Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ; sɛ wohunu me a, wɔwoso wɔn ti.
I am an object of scorn to my accusers; when they see me, they shake their heads.
26 Boa me, Ao Awurade me Onyankopɔn; gye me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.
Help me, O LORD my God; save me according to Your loving devotion.
27 Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa, na wo na woayɛ, Ao Awurade.
Let them know that this is Your hand, that You, O LORD, have done it.
28 Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira; sɛ wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase, nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye.
Though they curse, You will bless. When they rise up, they will be put to shame, but Your servant will rejoice.
29 Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho; na akyekyere wɔn ho sɛ atadeɛ.
May my accusers be clothed with disgrace; may they wear their shame like a robe.
30 Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ; mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu.
With my mouth I will thank the LORD profusely; I will praise Him in the presence of many.
31 Ɛfiri sɛ, ɔgyina onnibie nsa nifa so sɛ ɔbɛgye no nkwa afiri wɔn a wɔbu no kumfɔ nsam.
For He stands at the right hand of the needy one, to save him from the condemners of his soul.