< Nnwom 108 >

1 Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, mʼakoma atɔ me yam; mede me kra nyinaa bɛto wʼayɛyie dwom.
A SONG. A PSALM OF DAVID. My heart is prepared, O God, I sing, indeed, I sing praise, also my glory.
2 Monyane, sankuo ne bɛnta! Mɛnyane anɔpahema.
Awake, stringed instrument and harp, I awake the dawn.
3 Ao Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu; mɛto wo ho dwom wɔ nnipa no mu.
I thank You among peoples, O YHWH, And I praise You among the nations.
4 Wʼadɔeɛ so, ɛkorɔn sene ɔsoro; wo nokorɛdie duru ewiem.
For Your kindness [is] great above the heavens, And Your truth to the clouds.
5 Ao Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, na ama wʼanimuonyam aba asase nyinaa so.
Be exalted above the heavens, O God, And Your glory above all the earth.
6 Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
That Your beloved ones may be delivered, Save [with] Your right hand, and answer us.
7 Onyankopɔn akasa afiri ne kronkronbea sɛ, “Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu na masusu Sukot Bɔnhwa.
God has spoken in His holiness: I exult, I apportion Shechem, And I measure the Valley of Succoth,
8 Gilead yɛ me dea; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, Yuda yɛ mʼahempoma.
Gilead [is] Mine, Manasseh [is] Mine, And Ephraim [is] the strength of My head, Judah [is] My lawgiver,
9 Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na meto me mpaboa guo; Filistia so na mebɔ ose.”
Moab [is] a pot for My washing, On Edom I cast My shoe, Over Philistia I habitually shout.
10 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?
Who brings me [into] the fortified city? Who has led me to Edom?
11 Ao Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn? Wo ne yɛn nsraadɔm renkɔ ɔsa bio anaa?
Have You not, O God, cast us off? And You do not go out, O God, with our hosts!
12 Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no, na ɔdasani mmoa nka hwee.
Give to us help from adversity, And the salvation of man is vain.
13 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim, na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no.
We do mightily in God, And He treads down our adversaries!

< Nnwom 108 >