< Nnwom 107 >

1 Monna Awurade ase na ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
Give thanks to the Lord for his goodness for his kindness endures forever.
2 Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔtamfoɔ nsam no,
Let this be the song of the ransomed, whom the Lord has redeemed from distress,
3 wɔn a ɔboaboaa wɔn ano firii nsase soɔ no, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ, atifi kɔsi anafoɔ.
gathering them from all lands, east, west, north, and south.
4 Ebinom kyinkyinii wɔ nsase paradada so, a wɔanhunu ɛkwan ankɔ kuropɔn no mu, baabi a wɔbɛtumi anya atenaeɛ.
In the wastes of the desert some wandered, finding no way to a city inhabited.
5 Ɛkɔm ne sukɔm dee wɔn na wɔtotɔɔ baha.
Full of hunger and thirst, their spirit failed.
6 Afei wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.
Then they cried to the Lord in their trouble, and he saved them from their distresses,
7 Ɔde wɔn faa ɛkwan tee so baa kuropɔn a wɔtumi tena mu no mu.
guiding them straight on the way, till they reached an inhabited city.
8 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.
Let them thank the Lord for his kindness, for his wonderful deeds for people;
9 Ɔma wɔn a sukɔm de wɔn nsuo na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma.
for the thirsty he satisfies, and the hungry he fills with good things.
10 Ebinom tenaa esum ne awerɛhoɔ mu, nneduafoɔ a wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn,
Some sat in darkness and gloom prisoners in irons and misery,
11 ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm ho atua na wɔbuu Ɔsorosoroni no agyinatuo animtiaa.
for rebelling against God’s word, and spurning the Most High’s counsel.
12 Enti ɔgyaa wɔn maa adwuma den; wɔsuntisuntiiɛ na wɔannya ɔboafoɔ.
Their heart was bowed with toil; there was no one to help when they stumbled.
13 Afei, wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.
Then they cried to the Lord in their trouble, and he saved them from their distresses.
14 Ɔyii wɔn firii esum ne awerɛhoɔ mu na ɔbubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.
Out of darkness and gloom he brought them, and burst their chains.
15 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.
Let them praise the Lord for his kindness, for his wonderful deeds for people.
16 Ɔbubu kɔbere mfrafraeɛ apono na ɔtwitwa nnadeban mu.
For he shattered the gates of bronze, and broke bars of iron.
17 Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafoɔ, wɔn atuateɛ enti na wɔhunuu amane, wɔn nnebɔne enti.
Some were sick from their wicked ways, and suffering because of their sins.
18 Wɔkyirii aduane nyinaa na wɔtwe bɛnee owuo ɛpono ano.
All manner of food they hated; they had come to the gates of death.
19 Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.
Then they cried to the Lord in their trouble, and he saved them from their distresses.
20 Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yadeɛ; na ɔgyee wɔn firii ɛda mu.
He sent his word and healed them, and delivered their life from the pit.
21 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.
Let them praise the Lord for his kindness, for his wonderful deeds for people.
22 Momma wɔmmɔ aseda afɔdeɛ na wɔmfa ahurisie nnwom nka ne nnwuma ho asɛm.
Let them offer to him thankofferings, and with joy tell what things he has done.
23 Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ ɛpo so; wɔyɛ adwadifoɔ wɔ nsuo akɛseɛ so.
Some crossed the sea in ships, doing business in great waters.
24 Wɔhunuu Awurade nnwuma, nʼanwanwadeɛ a ɛwɔ ebunu mu.
They have seen what the Lord can do, and his wonderful deeds on the deep.
25 Ɔkasaeɛ maa ahum tui na ɛkukuruu asorɔkye.
At his command rose a tempest, which lifted the waves on high.
26 Wɔpagya kɔɔ sorosoro na wɔsiane kɔɔ ebunu mu tɔnn; wɔn amanehunu mu no wɔn bo tui.
Up to heaven they went, down to the depths; their courage failed them.
27 Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ; na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio.
They staggered and reeled like drunkards; all their skills useless.
28 Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.
Then they cried to the Lord in their trouble, and he saved them from their distresses.
29 Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase.
He stilled the storm to a whisper, and the waves of the sea were hushed.
30 Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no, na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ.
They were glad, because it was quiet; they were led to the haven they longed for.
31 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.
Let them praise the Lord, for his kindness, for his wonderful deeds for people.
32 Wɔmma ne so wɔ asafo no mu na wɔnkamfo no wɔ mpanimfoɔ nhyiamu ase.
Where the people assemble, extol him, and praise him in council of elders.
33 Ɔdanee nsubɔntene maa no yɛɛ ɛserɛ, asutene yɛɛ asase wesee,
He turns streams into a wilderness, springs of water into thirsty land,
34 na asasebereɛ danee nkyenenkyene, wɔn a wɔte asase no so amumuyɛ enti.
fruitful land into a salt waste, because of the sin of the people.
35 Ɔdanee ɛserɛ so maa no yɛɛ nsuwansuwa na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ asutene ananmu;
A desert he makes pools of water, a land of drought into springs of water.
36 Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɛkɔm de wɔn kɔsoɛe, na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.
He settles the hungry therein, they establish a city to live in.
37 Wɔyɛɛ mfuo ne bobe nturo na ɛmaa wɔn nnɔbaeɛ bebree.
They sow fields and plant vineyards, which furnish a fruitful yield.
38 Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ. Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan.
By his blessing they multiply greatly, and he lets not their cattle decrease.
39 Afei wɔn dodoɔ so hwaneeɛ na nhyɛsoɔ, amanehunu ne awerɛhoɔ brɛɛ wɔn ase;
Yet when they are bowed and diminished by oppression, misfortune, or sorrow,
40 deɛ ɔbu aberempɔn animtiaa no ma wɔkyinkyinii asase bonini a ɛkwan nni hɔ so.
he pours contempt upon princes, and on trackless wastes leads them astray
41 Nanso, ɔpagyaa ahiafoɔ firii wɔn ahohia mu na ɔmaa wɔn mmusua dɔree sɛ nnwankuo.
He lifts the poor out of misery, and makes families fruitful as flocks.
42 Ateneneefoɔ bɛhunu ama wɔn ani gye, nanso amumuyɛfoɔ nyinaa bɛmua wɔn ano.
At this sight shall the upright be glad, and all wicked mouths shall be stopped.
43 Momma deɛ ɔyɛ onyansafoɔ no mmu yeinom, na ɔnnwene Awurade adɔeɛ kɛseɛ no ho.
Let those who are wise observe this, and consider the love of the Lord

< Nnwom 107 >