< Nnwom 106 >

1 Monkamfo Awurade! Monna Awurade ase na ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
主をほめたたえよ。主に感謝せよ、主は恵みふかく、そのいつくしみはとこしえに絶えることがない。
2 Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ? Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie?
だれが主の大能のみわざを語り、その誉をことごとく言いあらわすことができようか。
3 Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee, na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ.
公正を守る人々、常に正義を行う人はさいわいである。
4 Ao Awurade, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me. Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me,
主よ、あなたがその民を恵まれるとき、わたしを覚えてください。あなたが彼らを救われるとき、わたしを助けてください。
5 na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa, na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo.
そうすれば、わたしはあなたの選ばれた者の繁栄を見、あなたの国民の喜びをよろこび、あなたの嗣業と共に誇ることができるでしょう。
6 Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no; yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm.
われらは先祖たちと同じく罪を犯した。われらは不義をなし、悪しきことを行った。
7 Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no, wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho; wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no, na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.
われらの先祖たちはエジプトにいたとき、あなたのくすしきみわざに心を留めず、あなたのいつくしみの豊かなのを思わず、紅海で、いと高き神にそむいた。
8 Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa, sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi.
けれども主はその大能を知らせようと、み名のために彼らを救われた。
9 Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee; ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so.
主は紅海をしかって、それをかわかし、彼らを導いて荒野を行くように、淵を通らせられた。
10 Ɔgyee wɔn firii ɔtamfoɔ no nsam; deɛ ɔtane wɔn nsam na ɔyii wɔn firiiɛ.
こうして主は彼らをあだの手から救い、敵の力からあがなわれた。
11 Nsuo kataa wɔn atamfoɔ so; na ɔbaako mpo annya nkwa.
水が彼らのあだをおおったので、そのうち、ひとりも生き残った者はなかった。
12 Afei wɔgyee ne bɔhyɛ no diiɛ na wɔtoo nʼayɛyie dwom.
このとき彼らはそのみ言葉を信じ、その誉を歌った。
13 Nanso, ntɛm so, wɔn werɛ firii deɛ wayɛ na wɔantwɛn nʼagyinatuo.
しかし彼らはまもなくそのみわざを忘れ、その勧めを待たず、
14 Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ ɛserɛ so hɔ, na wɔ asase paradada no so, wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ,
野でわがままな欲望を起し、荒野で神を試みた。
15 enti ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ, nanso, ɔde ɔfɔn yadeɛ baa wɔn so.
主は彼らにその求めるものを与えられたが、彼らのうちに病気を送って、やせ衰えさせられた。
16 Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose ne Aaron a Awurade ate ne ho no.
人々が宿営のうちでモーセをねたみ、主の聖者アロンをねたんだとき、
17 Asase mu buee na ɛmenee Datan na ɛsiee Abiram asafo no.
地が開けてダタンを飲み、アビラムの仲間をおおった。
18 Egya tɔɔ wɔn akyidifoɔ no mu; ogyaframa hyee amumuyɛfoɔ no.
火はまたこの仲間のうちに燃え起り、炎は悪しき者を焼きつくした。
19 Wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horeb na wɔkotoo ohoni a wɔde fagudeɛ ayɛ.
彼らはホレブで子牛を造り、鋳物の像を拝んだ。
20 Wɔsesaa wɔn Animuonyam. Wɔde nantwinini, a ɔwe ɛserɛ nsɛsodeɛ.
彼らは神の栄光を草を食う牛の像と取り替えた。
21 Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn nkwa, deɛ ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Misraim no,
22 nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ ho no.
彼らは、エジプトで大いなる事をなし、ハムの地でくすしきみわざをなし、紅海のほとりで恐るべき事をなされた救主なる神を忘れた。
23 Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ no sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn.
それゆえ、主は彼らを滅ぼそうと言われた。しかし主のお選びになったモーセは破れ口で主のみ前に立ち、み怒りを引きかえして、滅びを免れさせた。
24 Afei, wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no; na wɔannye ne bɔhyɛ anni.
彼らは麗しい地を侮り、主の約束を信ぜず、
25 Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan mu na wɔannyɛ ɔsetie amma Awurade.
またその天幕でつぶやき、主のみ声に聞き従わなかった。
26 Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɛma wɔn atotɔ wɔ ɛserɛ no so,
それゆえ、主はみ手をあげて、彼らに誓い、彼らを荒野で倒れさせ、
27 ɔbɛma wɔn asefoɔ atotɔ wɔ amanaman mu na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so.
またその子孫を、もろもろの国民のうちに追い散らし、もろもろの地に彼らをまき散らそうとされた。
28 Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho na wɔdii afɔrebɔdeɛ a wɔde ama anyame a wɔnni nkwa;
また彼らはペオルのバアルを慕って、死んだ者にささげた、いけにえを食べた。
29 wɔde wɔn atirimuɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuo na ɔyaredɔm sii wɔn mu.
彼らはそのおこないをもって主を怒らせたので、彼らのうちに疫病が起った。
30 Na Pinehas sɔre dii agyinamu, na Awurade sii ɔyaredɔm no ano.
その時ピネハスが立って仲裁にはいったので、疫病はやんだ。
31 Wɔde yei yɛɛ tenenee maa Pinehas wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛbɛba no mu.
これによってピネハスはよろず代まで、とこしえに義とされた。
32 Meriba nsuo ho nso, wɔhyɛɛ Awurade abufuo, na wɔn enti, ɔhaw baa Mose so,
彼らはまたメリバの水のほとりで主を怒らせたので、モーセは彼らのために災にあった。
33 ɛfiri sɛ wɔtee Onyankopɔn Honhom anim atua, na asɛm a wannwene ho firii Mose anomu.
これは彼らが神の霊にそむいたとき、彼がそのくちびるで軽率なことを言ったからである。
34 Wɔansɛe nnipa no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no,
彼らは主が命じられたもろもろの民を滅ぼさず、
35 nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi.
かえってもろもろの国民とまじってそのわざにならい、
36 Wɔsomm wɔn ahoni na ɛbɛyɛɛ afidie maa wɔn.
自分たちのわなとなった偶像に仕えた。
37 Wɔde wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa abosom.
彼らはそのむすこ、娘たちを悪霊にささげ、
38 Wɔkaa mogya a ɛdi bem guiɛ; wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mogya a wɔde bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni no maa asase no ho guu fi.
罪のない血、すなわちカナンの偶像にささげたそのむすこ、娘たちの血を流した。こうして国は血で汚された。
39 Wɔde deɛ wɔyɛeɛ no guu wɔn ankasa ho fi; wɔnam deɛ wɔyɛeɛ no so bɔɔ adwaman.
このように彼らはそのわざによっておのれを汚し、そのおこないによって姦淫をなした。
40 Enti, Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ; na ɔkyirii nʼagyapadeɛ.
それゆえ、主の怒りがその民にむかって燃え、その嗣業を憎んで、
41 Ɔdanee wɔn maa amanaman no, na wɔn atamfoɔ dii wɔn so.
彼らをもろもろの国民の手にわたされた。彼らはおのれを憎む者に治められ、
42 Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.
その敵にしえたげられ、その力の下に征服された。
43 Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn, nanso wɔkɔɔ so tee atua na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu.
主はしばしば彼らを助けられたが、彼らははかりごとを設けてそむき、その不義によって低くされた。
44 Nanso ɔhunuu wɔn ahohiahia ɛberɛ a wɔsu frɛɛ noɔ no;
それにもかかわらず、主は彼らの叫びを聞かれたとき、その悩みをかえりみ、
45 Wɔn enti, ɔkaee nʼapam no na ɔfirii nʼadɔeɛ kɛseɛ no mu hunuu wɔn mmɔbɔ.
その契約を彼らのために思い出し、そのいつくしみの豊かなるにより、みこころを変えられ、
46 Ɔmaa sodifoɔ a wɔafa wɔn nnommum no nyaa ahummɔborɔ maa wɔn.
彼らをとりこにした者どもによって、あわれまれるようにされた。
47 Gye yɛn, Ao Awurade yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn, na boaboa yɛn ano firi amanaman so, na yɛada wo din kronkron no ase, na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam.
われらの神、主よ、われらを救って、もろもろの国民のなかから集めてください。われらはあなたの聖なるみ名に感謝し、あなたの誉を誇るでしょう。
48 Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!” Monkamfo Awurade.
イスラエルの神、主はとこしえからとこしえまでほむべきかな。すべての民は「アァメン」ととなえよ。主をほめたたえよ。

< Nnwom 106 >