< Nnwom 105 >
1 Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.
Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.
2 Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no; monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.
Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no; monka nʼanwonwade no nyinaa.
3 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.
Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.
4 Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden no so; na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
5 Monkae anwanwadeɛ a wayɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ,
Monkae anwonwade a wayɛ ne nsɛnkyerɛnne, ne atɛn a obui,
6 Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ, Ao Yakob mma a wapa wɔn.
Abraham mma, Onyankopɔn asomfo, Yakob mma a wapaw wɔn.
7 Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn. Nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa.
Ɔyɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn. Nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa.
8 Ɔkae nʼapam daa nyinaa, asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no,
Ɔkae nʼapam daa nyinaa, asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no,
9 apam a ɔne Abraham yɛeɛ no ntam a ɔka kyerɛɛ Isak no.
apam a ɔne Abraham yɛe no, ntam a ɔka kyerɛɛ Isak no.
10 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
11 Ɔkaa sɛ, “Mede Kanaan asase no bɛma wo sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.”
Ɔkae se, “Mede Kanaan asase no bɛma wo sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.”
12 Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso, ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso, ahɔhokuw ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
13 Wɔfirii aman so kɔɔ aman so; firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
Wofii aman so kɔɔ aman so; fii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
14 Wamma obi anhyɛ wɔn so; wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ:
Wamma obi anhyɛ wɔn so; wɔn nti, ɔkaa ahene anim se:
15 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo; na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.”
“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo; na monnyɛ mʼadiyifo bɔne bi.”
16 Ɔmaa ɛkɔm baa asase no so na ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduane nyinaa;
Ɔmaa ɔkɔm baa asase no so na ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduan nyinaa;
17 na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim, Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no.
na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim, Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no.
18 Wɔde mpokyerɛ guu ne nan, na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn,
Wɔde mpokyerɛ guu ne nʼanan, na wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn,
19 kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu, kɔsii sɛ Awurade asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.
kosii sɛ nea ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu, kosii sɛ Awurade asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo.
20 Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no; aman no sodifoɔ gyaa no.
Ɔhene no soma ma wokoyii no; aman no sodifo gyaa no.
21 Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura, deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ,
Ɔyɛɛ no ne fi so wura nea ɔwɔ nyinaa sodifo,
22 sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛ na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa.
sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma nea ɔpɛ na ɔnkyerɛ ne mpanyimfo nyansa.
23 Afei, Israel kɔɔ Misraim; Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani.
Na Israel kɔɔ Misraim; Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani.
24 Awurade maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ; ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ,
Awurade maa ne nkurɔfo ase dɔe; ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfo,
25 wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔ na wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so.
wɔn a ɔdan wɔn koma sɛ wɔntan ne nkurɔfo na wɔmpam nʼasomfo ti so.
26 Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose, ne Aaron a na wayi noɔ no.
Ɔsomaa ne somfo Mose, ne Aaron a na wayi no no.
27 Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu, nʼanwanwadeɛ wɔ Ham asase so.
Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne nwonwaso wɔ wɔn mu, nʼanwonwade wɔ Ham asase so.
28 Ɔsomaa esum, na ɔmaa asase duruu sum ɛfiri sɛ na wɔate nʼasɛm no so atua.
Ɔsomaa sum, na ɔmaa asase duruu sum, efisɛ na wɔatew nʼasɛm no so atua.
29 Ɔmaa wɔn nsuo nyinaa danee mogya, nam so kumm emu mpataa.
Ɔmaa wɔn nsu nyinaa dan mogya, nam so kum mu mpataa.
30 Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma, na wɔhyɛnee ɔman no sodifoɔ mpia mu.
Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma, na wɔhyɛn ɔman no sodifo mpia mu.
31 Ɔkasaeɛ, na nwansena bebree ne ntontom baa ɔman no mu baabiara.
Ɔkasae, na nwansena bebree ne ntontom baa ɔman no mu baabiara.
32 Ɔmaa wɔn osutɔ danee ampariboɔ a anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu;
Ɔmaa wɔn osu dan mparuwbo a anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu;
33 Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnua na ɔbubuu ɔman no so nnua pasaa.
Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnua na obubuu ɔman no so nnua pasaa.
34 Ɔkasaeɛ, na ntutummɛ baeɛ mmɛbɛ a wɔntumi nkan wɔn;
Ɔkasae, na mmoadabi bae, tɛwtɛw a wontumi nkan wɔn;
35 wɔwee nhahammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so, na wɔdii wɔn mfuo so nnuane.
wɔwee ahabammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so, na wodii wɔn mfuw so nnuan.
36 Afei ɔkunkumm wɔn asase so mmakan nyinaa, wɔn mmarimayɛ mu aba a ɛdi ɛkan nyinaa.
Afei okunkum wɔn asase so mmakan nyinaa, wɔn mmarimayɛ mu aba a edi kan nyinaa.
37 Ɔyii Israelfoɔ, a wɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, firii wɔn mmusuakuo mu a obiara ho antɔ kyima.
Oyii Israel a ɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii wɔn mmusuakuw mu a obiara ho antɔ kyima.
38 Misraim ani gyeeɛ ɛberɛ a wɔkɔeɛ, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ho hu atɔ wɔn so.
Misraim ani gyei, bere a wɔkɔe, efisɛ na Israelfo ho hu atɔ wɔn so.
39 Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so, na ɔde ogya maa wɔn, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.
Ɔtrɛw omununkum mu kataa wɔn so, na ogya maa wɔn hann anadwo.
40 Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko. Ɔmaa ɔsoro aduane mee wɔn.
Wobisae, na ɔbrɛɛ wɔn mparuwbo ɔmaa ɔsoro aduan mee wɔn.
41 Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ; na ɛtenee wɔ ɛserɛ no so sɛ asubɔnten.
Obuee ɔbotan mu maa nsu fii mu bae; na ɛsen faa sare no so sɛ asubɔnten.
42 Ɔkaee ne bɔhyɛ kronkron bi a ɔhyɛɛ ne ɔsomfoɔ Abraham no.
Ɔkaee ne bɔ kronkron bi a ɔhyɛɛ ne somfo Abraham no.
43 Ɔyii ne nkurɔfoɔ maa wɔn ani gyeeɛ. Wɔn a wapa wɔn no dii ahurisie;
Oyii ne nkurɔfo maa wɔn ani gyei; wɔn a wapaw wɔn no dii ahurusi;
44 ɔde amanaman no nsase maa wɔn, na deɛ ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ
ɔde amanaman no nsase maa wɔn, na nea ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapade
45 na wɔahwɛ nʼahyɛdeɛ adi ne mmara so. Monyi Awurade ayɛ.
na wɔahwɛ nʼahyɛde adi ne mmara so. Munyi Awurade ayɛ.