< Nnwom 103 >

1 Dawid deɛ. Ao me kra, kamfo Awurade; na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no.
Dawid de. Me kra, kamfo Awurade; na me mu ade nyinaa nkamfo ne din kronkron no.
2 Ao me kra, kamfo Awurade, na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa,
Me kra, kamfo Awurade, na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa,
3 ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ na ɔsa wo nyarewa nyinaa,
ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo na ɔsa wo nyarewa nyinaa,
4 ɔgye wo nkwa firi damena mu na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire,
ogye wo nkwa fi ɔda mu, na ɔde adɔe ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotiri,
5 ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛdeɛ na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.
ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛde, na wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre.
6 Awurade yɛ adetenenee na ɔbu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntenenee.
Awurade yɛ adetrenee, na obu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntrenee.
7 Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan, na ɔmaa Israelfoɔ hunuu ne nneyɛɛ.
Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan, na ɔmaa Israelfo huu ne nneyɛe.
8 Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade, ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne Awurade, ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.
9 Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ, na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa;
Ɔrenkɔ so mmɔ sobo, na ɔrennya yɛn ho menasepɔw nkosi daa;
10 Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ.
Ɔnhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛnea ɛfata na ontua yɛn nnebɔne so ka sɛnea ɛte.
11 Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no, saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so.
Na sɛnea ɔsoro ne asase ntam ware no, saa ara na nʼadɔe so wɔ wɔn a wosuro no no so.
12 Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.
Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.
13 Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no,
Sɛnea agya yam hyehyew no wɔ ne mma ho no, saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wosuro no no;
14 na ɔnim sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn, ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.
na onim sɛnea wɔyɛɛ yɛn, ɔkae se yɛyɛ mfutuma.
15 Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ, ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren;
Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare, ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ nwura mu nhwiren;
16 sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ, na ne sibea nnim no bio.
sɛ mframa bɔ fa ne so a, na onni hɔ, na ne sibea nkae no bio.
17 Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten Awurade adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so,
Nanso efi mmeresanten kosi nnasanten Awurade adɔe wɔ wɔn a wosuro no so, na ne trenee wɔ wɔn mma mma so,
18 wɔn a wɔdi nʼapam no so na wɔkae di ne mmara so.
wɔn a wodi nʼapam no so na wɔkae di ne mmara so.
19 Awurade asi nʼahennwa wɔ soro, na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.
Awurade asi nʼahengua wɔ ɔsoro, na nʼahenni di ade nyinaa so.
20 Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ, mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ, mo a motie nʼasɛm.
Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfo, mo atumfo a moyɛ nʼahyɛde, mo a mutie nʼasɛm.
21 Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa, nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ.
Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa, nʼasomfo a moyɛ nʼapɛde.
22 Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa. Ao me ɔkra, kamfo Awurade!
Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa; nea ɛwɔ nʼahenni mu nyinaa. Me kra, kamfo Awurade!

< Nnwom 103 >