< Nnwom 101 >

1 Dawid Dwom. Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom; Ao Awurade, mɛto ayɛyie dwom ama wo.
לדוד מזמור חסד ומשפט אשירה לך יהוה אזמרה׃
2 Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ. Dabɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede akoma a afɔdie nni mu bɛnante me fie.
אשכילה בדרך תמים מתי תבוא אלי אתהלך בתם לבבי בקרב ביתי׃
3 Meremfa mʼani nsi adeɛ a ɛyɛ tane biara so. Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie; Me ne wɔn nni hwee yɛ.
לא אשית לנגד עיני דבר בליעל עשה סטים שנאתי לא ידבק בי׃
4 Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me; me ne bɔne nni hwee yɛ.
לבב עקש יסור ממני רע לא אדע׃
5 Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no, ɔno na mɛsɛe; deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma, ɔno na merennyegye ne so.
מלושני בסתר רעהו אותו אצמית גבה עינים ורחב לבב אתו לא אוכל׃
6 Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so na me ne wɔn atena; deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, ɔno na ɔbɛsom me.
עיני בנאמני ארץ לשבת עמדי הלך בדרך תמים הוא ישרתני׃
7 Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biara rentena me fie; deɛ ɔtwa nkontompo no rennyina mʼanim.
לא ישב בקרב ביתי עשה רמיה דבר שקרים לא יכון לנגד עיני׃
8 Adekyeeɛ biara, mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa; na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biara afiri Awurade kuropɔn mu.
לבקרים אצמית כל רשעי ארץ להכרית מעיר יהוה כל פעלי און׃

< Nnwom 101 >