< Nnwom 100 >

1 Ayɛyie Dwom. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa
Ayeyi Dwom. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa.
2 Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade; momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim.
Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; momfa anigye nnwom mmra nʼanim.
3 Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea; yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan.
Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de; yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan.
4 Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.
Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu, na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.
5 Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.
Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa; ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

< Nnwom 100 >