< Mmɛbusɛm 6 >

1 Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi, sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi, 2 sɛ deɛ wokaeɛ ayi ka ama wo na sɛ wʼano asɛm afidie ayi wo a, 3 ɛnneɛ yɛ yei, me ba, na fa tete wo ho, sɛ ɔyɔnko nsa aka woɔ no nti: fa ahobrɛaseɛ kɔ nʼanim; na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw! 4 Mma wʼani nkum na nntɔ nko. 5 Gye wo ho, sɛdeɛ ɔforoteɛ dwane firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam anaa sɛdeɛ anomaa dwane firi fidisumfoɔ afidie mu. 6 Ɔkwadwofoɔ, kɔ atɛtea nkyɛn; hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa! 7 Ɔnni ɔsahene, ɔnni ɔhwɛfoɔ anaa sodifoɔ bi, 8 nanso, ɔde aduane sie wɔ ahuhuro ɛberɛ mu ɔboaboa nnuane ano wɔ twaberɛ. 9 Wo, ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn? Wɔbɛnyane ɛberɛ bɛn? 10 Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔ de rehome kakra, 11 ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ na ahokyere ato ahyɛ wo so sɛ deɛ ɔkura tuo. 12 Onipa teta ne ohuhuni a ɔde atorɔ kyini, 13 deɛ ɔbu nʼani, na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnneɛ na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ, 14 deɛ ɔde nʼakoma mu nnaadaa bɔ ɛpɔ bɔne, na ɔde mpaapaemu ba ɛberɛ biara. 15 Ɛno enti amanehunu bɛba ne so prɛko pɛ; wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduro. 16 Nneɛma nsia na Awurade mpɛ, nneɛma nson na ɛyɛ nʼakyiwadeɛ: 17 ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkrɛma, nsa a ɛka mogya a ɛdi bem guo, 18 akoma a ɛdwene amumuyɛ ho, nan a ɛtutu mmirika kɔyɛ bɔne, 19 Ɔdansekurumni a ɔdi atorɔ ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu. 20 Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu. 21 Fa kyekyere wʼakoma ho daa; na fa kyekyere wɔ kɔn mu. 22 Wonante a, ɛbɛkyerɛ wo ɛkwan; sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo; sɛ wonyane a, ɛbɛkasa akyerɛ wo. 23 Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea; saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann, na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi yɛ nkwa kwan, 24 ɛtwe wo firi ɔbaa a ɔnni suban pa no ho, firi ɔbaawarefoɔ sansani tɛkrɛmadɛ ho. 25 Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ mma nʼani akyideda no ntwetwe wo, 26 ɛfiri sɛ, odwamanfoɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wo, na obi yere gyegye wo kɔ owuo mu. 27 Obi bɛtumi asɔ ogya agu ne srɛ so a ɛnhye nʼatadeɛ anaa? 28 Obi bɛtumi anante gyasramma so a mpumpunnya mmobɔ ne nan ho anaa? 29 Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere da no teɛ obiara a ɔde ne nsa bɛka noɔ no remfa ne ho nni da. 30 Nnipa mmu ɔkorɔmfoɔ a wakɔwia adeɛ animtiaa sɛ ɛkɔm de no na ɔde rekɔdwodwo ano enti. 31 Mmom sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ ɔtua ka mmɔho nson; sɛ ɛhia sɛ wɔtɔn ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔtɔn. 32 Ɔbarima a ɔsɛe awadeɛ no nni adwene; obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho. 33 Ɔboro ne animguaseɛ na ɔbɛnya, na nʼahohora rempepa da. 34 Ninkunutweɛ hwanyane okunu abufuo na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔborɔ biara nni mu. 35 Ɔrennye mpata biara; na ɔbɛpo adanmudeɛ, sɛ ɛso sɛ ɛdeɛn mpo a.

< Mmɛbusɛm 6 >