< Mmɛbusɛm 5 >

1 Me ba, yɛ aso ma me nyansa; tie me nhunumu nsɛm no yie,
Me ba, yɛ aso ma me nyansa; tie me nhumu nsɛm no yiye,
2 sɛdeɛ ɛbɛma woahwɛ yie, na wʼano akora nimdeɛ.
sɛnea ɛbɛma woahwɛ yiye, na wʼano akora nimdeɛ.
3 Ɛfiri sɛ ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ, na ne kasa kɔ yɛɛ sene ngo;
Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo, na ne kasa yɛ fɔmm sen ngo;
4 nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma, ɛyɛ nam sɛ akofena anofanu.
nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma, ɛyɛ nam sɛ afoa anofanu.
5 Ne nan kɔ owuo mu; nʼanammɔntutuo kɔ ɛda mu tee. (Sheol h7585)
Nʼanan kɔ owu mu; nʼanammɔntutu kɔ ɔda mu tee. (Sheol h7585)
6 Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho; nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.
Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho; nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso onnim.
7 Enti, afei, me mma, montie me; Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho.
Enti afei, me mma, muntie me; Monntwe mo ho mmfi nea meka ho.
8 Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa so mommmɛn ne fie ɛpono ano,
Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so; mommmɛn ne fi pon ano,
9 anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔ na mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,
anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforo na mode mo mfe ama otirimɔdenfo,
10 anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛ na mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie.
anyɛ saa a, ahɔho bɛfom mo ahonyade na mo brɛ de ahonya akɔ afoforo fi.
11 Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinie ɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no.
Mo nkwanna akyi, mubesi apini, bere a mo honam ne mo nipadua asa no.
12 Na moaka sɛ, “Na mekyiri ahohyɛsoɔ! Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ!
Na moaka se, “Na mikyi ahohyɛso! Me koma ampɛ nteɛso!
13 Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔ na mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm.
Manyɛ osetie amma mʼakyerɛkyerɛfo na mantie me kwankyerɛfo asɛm.
14 Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoa wɔ asafo no nyinaa mu.”
Madu ɔsɛe ano wɔ asafo no nyinaa mu.”
15 Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu, nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu.
Nom nsu fi wʼankasa ahina mu, nsu a ɛteɛ fi wʼankasa abura mu.
16 Ɛsɛ sɛ wo nsutire yiri fa mmɔntene so na wo nsuwa kokɔ ɔman adwaberem anaa?
So ɛsɛ sɛ wʼasuti yiri fa mmɔnten so na wo nsuwa kokɔ ɔman aguabɔbea ana?
17 Ma ɛnyɛ wo nko ara dea, a wone ahɔhoɔ nnkyɛ da.
Ma ɛnyɛ wo nko ara de, a wo ne ahɔho nkyɛ da.
18 Nhyira nka wʼasubura na wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho.
Nhyira nka wʼasubura na wʼani nnye wo mmrantebere mu yere ho.
19 Ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ. Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa na ne dɔ nkyekyere wo.
Ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo; ma ne nufu nsɔ wʼani daa na ne dɔ nkyekyere wo.
20 Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo? Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom?
Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo? Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom?
21 Awurade hunu onipa akwan nyinaa, na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.
Awurade hu onipa akwan nyinaa, na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.
22 Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie; na ne bɔne nhoma kyekyere no papee.
Omumɔyɛfo nnebɔne sum no afiri; na ne bɔne ahama kyekyere no papee.
23 Ɔbɛwu ɛsiane ahohyɛsoɔ a ɔnni enti, na wayera ɛsiane nʼagyegyentwisɛm enti.
Wobewu, esiane ahohyɛso a wonni nti, na wɔayera, esiane wɔn agyennyentwisɛm nti.

< Mmɛbusɛm 5 >